Yeremia 27 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Babel kɔndua ase

1Yuda hene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase na asɛm yi fii AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:

2Yer 13.1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn;

3Yer 25.21-22 na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene,

4na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni:

5Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so.

6Yer 25.9 Na afei mede nsaase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnesar, Babel hene no, nsa, na mede wuram mmoa po mama no sɛ wɔnsom no.

7Yer 25.12 Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi.

8Na ɔman ne ahenni a wɔnsom ɔno Babel hene Nebukadnesar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔndua ase no, afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm ni, akosi sɛ mɛdwerɛw wɔn ne nsam.

9Yer 14.13-14 Enti munntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adae asekyerɛfo ne mo akɔmfo ne mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,

10na nkɔntoro na wɔhyɛ mo, nea ɛbɛyɛ na wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri, na masunsum mo na moayera.

11Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔndua ase na ɛsom no no, mɛma waka n’asase so, AWURADE asɛm ni, na wɔadɔw so atena so.

12Na mekasa mekyerɛɛ Yuda hene Sedekia sɛ nsɛm yi nyinaa te sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔndua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.

13Ɛdɛn nti na wo ne wo man rebewuwu afoa, ɔkɔm ne owuyare ano, sɛnea AWURADE ka kyerɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no?

14Yer 27.9 Na munntie adiyifo a wose mo sɛ: Morensom Babel hene no, efisɛ nkɔntoro na wɔhyɛ mo.

15Na mensomaa wɔn ɛ, AWURADE asɛm ni, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntoro, sɛnea ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.

16 Yer 28.3; 2 Be 36.10 Na asɔfo no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛ koraa na wɔde AWURADE fi nneɛma no bɛsan afi Babel aba, no nsɛm, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo.

17Munntie wɔn; monsom Babel hene na munnya nkwa, ɛdɛn nti na kurow yi nnan akurofo?

18Na sɛ wɔyɛ adiyifo na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkotɔ nsrɛ asafo AWURADE, na nneɛma a aka AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem no ankɔ Babel.

19Yer 52.17 Na sɛɛ na asafo AWURADE ka adum ne ɛpo ne nsugye nnaka ne nneɛma a aka kurow yi mu nkae no ho,

202 Ah 24.14-15 nneɛma a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankɔ no,

21sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, nneɛma a ɛkaa AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem ho ni:

222 Be 36.22; Esra 1.7-11 Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akosi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn masan maba ha.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help