Atemmufo 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Gibeafo mmusu

1 Ate 17.6 Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda.

2Na ne ɔbea no fii n’akyi kɔbɔɔ aguaman, na ofii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fi Betlehem Yuda na okodii hɔ nna bi, asram anan.

3Na ne kunu no sɔre tiw no sɛ ɔkɔka no abodwoesɛm na ɔde no asan aba, na n’abofra ne mfurum abien ka ne ho. Na ɔbea no de no kɔɔ n’agya fi; na ababaa no agya huu no no, ɔde anigye hyiaa no.

4Na n’ase, ababaa no agya no, siankaa no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa; na wodidii, nomee na wɔtenaa hɔ.

5Na ne nnaana so no, wɔsɔree anɔpatutu, na osiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Fa abodoo afono ma bi dwudwo wo koma, na ɛno akyi no, moasi kwan so.

6Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

7Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no siankaa no, na ɔtenaa ase daa hɔ.

8Na ne nnaanum so no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ; na ababaa n'agya no kae sɛ: Dwudwo wo koma, na montwɛn nkosi sɛ owia bɛdan ne ho. Na wɔn baanu no didii.

9Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔne ɔbea no ne n’abofra no. Na n’ase, ababaa n'agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onwini redwo na ade reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesae abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua ahema asi kwan so akɔ fie.

10 Ate 1.21; 1 Be 11.4 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na okoduu Yebus a ɛne Yerusalem no ntentenso; na mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ɔbea no ka ne ho.

11Woduu Yebus no, na ade resa pa ara. Na abofra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmman nkɔ Yebusifo kurow yi mu nkɔda hɔ.

12Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmman nnkɔ ananafo a Israelfo mu bi nni ha kurow mu, na ma yentwam nkɔ Gibea.

13Na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Duom na yɛmmɛn nkurow no mu biako nkɔda Gibea anaa Rama.

14Na wotwaam kɔe, na owia kɔtɔɔ wɔn wɔ Gibea a ɛyɛ Benyamin de no ho.

15Na wɔman kɔɔ hɔ sɛ wɔkɔda Gibea. Na odui no, ɔtenaa kurow no abɔnten so, na obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fi sɛ wɔnkɔda hɔ.

16Na hwɛ, akwakoraa bi fi n’adwuma ano afum anwummere bae; na onipa no fi Efraim bepɔw so na ɔbɛsoɛɛ hɔho Gibea, na kurom hɔfo yɛ Benyaminfo.

17Na ɔmaa n’ani so, na ohuu ɔbarima kwantenni no kurow no abɔnten so, na akwakoraa no bisaa no sɛ: Ɛhe na worekɔ, na ɛhe nso na wufi?

18Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yefi Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mifi na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fi na merekɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fi.

19Nanso sare ne aduan wɔ hɔ ma yɛn mfurum no, na abodoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abofra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn.

20Na akwakoraa no kae sɛ: Asomdwoe nka wo. Mɛma wo nea ehia wo nyinaa; abɔnten so nko ara na nna!

21Na ɔde no kɔɔ ne fi, na ɔmaa mfurum no aduan, na wɔhohoroo wɔn anan ho, na wodidi nomee.

22 Gye 19.4-5 Na wɔregye wɔn ahome no, hwɛ, kurom hɔfo mmabusufo bi betwaa ofi no ho hyiae, na wɔpempem ɔpon no, na wɔka kyerɛɛ ofiwura akwakoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fi no fi adi bra na yene no nna.

23Gye 19.7 Na ɔbarima fiwura no fii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fi yi, munnni nkwaseasɛm yi.

24Na me ba ɔbaabun ne ne mpena ni, momma memfa wɔn mimfi adi na mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn nea mopɛ. Na ɔbarima yi de, monnyɛ no nkwaseade a ɛte sɛɛ.

25Nanso mmarima no ampɛ sɛ wobetie no; ɛnna ɔbarima no soo ne mpena no mu de no fii adi brɛɛ wɔn abɔnten so; na wɔfaa no, yɛɛ no biribiara a wɔpɛ anadwo no ara kosii anɔpa, na ade kyee no, wogyaa no ma ɔkɔe.

26Na anim reyɛ abaabae no, ɔbea no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fi a ne wura wɔ mu no pon ano daa hɔ kosii sɛ anim tetewee.

27Na ne wura no sɔree anɔpa hiɛɛ ofi no apon fii adi sɛ ɔrekɔ ne kwan no, na hwɛ, ne mpena no da ofi no pon no ano, na ne nsa gu apongua ase de no so.

28Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Nanso wammua. Ɛnna ɔbarima no faa no too afurum no so, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom.

291 Sa 11.7 Na oduu ne fi no, ɔfaa ɔsekan na osoo ne mpena no mu de fofaa ne nnompe ntam kyɛɛ ne mu asinasin dumien, na ɔma wɔde kɔɔ Israel asase nyinaa so.

30Na obiara a ohui no, kae sɛ: Wɔnyɛe na wonhuu saa ade yi bi nso da, efi da a Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ da yi: Munnwen eyi ho mo tirim, muntu ho fo na monkasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help