Yesaia 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔde nkra kɔma Ɔhene Ahas

1 wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no,

4Yes 30.15 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mmma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti.

5Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:

6Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔhaw no, na yemmubu mu mfa, na yensi Tabeel ba no hene wom.

7Enti sɛɛ na AWURADE se:

Ɛrennyina

na ɛremma so,

8na Aram ti ne Damasko,

na Damasko ti ne Resin.

Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio.

9 2 Be 20.20 Na Efraim ti ne Samaria,

na Samaria ti ne Remalia ba no.

Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a,

mobɛhwe ase koraa.

Imanuel ho nsɛnkyerɛnne

10Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:

11Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo!

12Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.

13Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?

14Mika 5.3; Mat 1.23; Yes 8.8, 10; 9.6 Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

15Yes 7.21-22 Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a okyi bɔne na ɔyɛ papa no;

16Yes 8.4 na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.

Asotwe a ɛnam Asiriafo so ba

17AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene.

18Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no,

19na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaepae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so.

20Ɛda no ara na Awurade de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asaria hene no, beyi eti ne anan ho nwi, na ayi bogyesɛ nso.

21Na ɛda no, obi bɛyɛn nantwiforo ne nguan abien bi,

22na nufusu a obenya no dodow nti, obedi nufusu ani srade, na nufusu ani srade ne ɛwo ara na wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bedi.

23Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko.

24Agyan ne ta na wɔde bɛba hɔ, efisɛ asase no nyinaa ayɛ nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko;

25na mmepɔw a anka wɔde asɔw dɔw so nyinaa no, nguare ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wobegyaa anantwi akɔ so, na nguan atiatia so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help