1 Berɛsosɛm 16 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid aseda ne ayeyi dwom

1 2 Sa 6.17-19 Na wɔde Onyankopɔn adaka no baa mu de besii ntamadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, Onyankopɔn anim.

2Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no.

3Na ɔkyekyɛɛ Israelfo nyinaa, mmarima ne mmea, obiara abodoo sebɔw ne nankum ne bobe aba tetare.

4Na ɔyeyɛɛ Lewifo no mu bi asomfo, AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.

5Asaf na odi ti, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-edom ne Yeiel, wokurakura mmɛnta asanku ne nsankuten, na Asaf de, ɔbɔ nnawuru a egyigye.

6Na Benaia ne Yahasiel, asɔfo no hyɛn ntorobɛnto daa di Onyankopɔn apam adaka no anim.

7Da no ara na Dawid ma wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kan.

8 Nnw 105.1-15 O Monna AWURADE ase, mommɔ ne din,

momma wonhu ne nneyɛe aman mu.

9Monto no dwom, monto no ayeyi dwom,

monka n’anwonwade nyinaa.

10Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho,

wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE koma ntɔ wɔn yam.

11Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan,

monhwehwɛ n’anim daa yi.

12Monkae n’anwonwade a wayɛ,

n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm,

13mo, n’akoa Israel asefo,

Yakob a ɔfaa no no mma.

14Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,

n’atemmude wɔ asase nyinaa so.

15Monkae n’apam no nkosi daa,

asɛm a ɔhyɛɛ awo ntoatoaso apem no,

16sɛ ɔne Abraham pamee no,

ne ne ntam a ɔkaa Isak no.

17Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde,

ne Israel sɛ daa apam

18kae sɛ:

Wo na mede Kanaan asase mɛma wo,

sɛ mo agyapade a wɔakyɛ no susuhama so.

19Bere a mo ano nnɔɔso,

na moyɛ nnipa kakraa bi ne ahɔho wɔ mu,

20na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu,

wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu,

21 Gye 12.17; 20.3; 26.9 wamma obi anhom wɔn so,

na wɔn nti ɔkaa ahene anim:

22Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no,

na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.

23 Nnw 96 Monto AWURADE dwom, asase nyinaa,

mompae ne nkwagye mfi da nkɔ da mu.

24Monka n’anuonyam wiase aman mu,

ne n’anwonwade aman nyinaa mu.

25Na AWURADE yɛ ɔkɛse na ɔsɛ ayeyi sɛ,

na ne ho yɛ hu anyame nyinaa so.

26Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw,

na AWURADE de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.

27Nidi ne anuonyam wɔ n’anim,

tumi ne anika wɔ ne tenabea.

28 Nnw 29.1-2 Aman mmusuakuw, momma AWURADE,

momma AWURADE anuonyam ne tumi.

29Momfa AWURADE din anuonyam no mma no,

monsoa ayɛyɛde mmra n’anim.

Monsɔre AWURADE ahokeka kronkron mu.

30Asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

Nso wiase tim hɔ, ɛrenhim.

31Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsan no;

wɔnka amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene.

32Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo.

Mfuwa ne nea ɛwɔ mu nyinaa bedi ahurusi.

33 Nnw 96 Ɛno na kwae mu nnua bɛto ahosan dwom, AWURADE anim,

na ɔreba abebu asase atɛn.

34 Nnw 106.1, 47-48 Monna AWURADE ase, na oye,

na n’adɔe wɔ hɔ daa.

35Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagye Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano,

na yi yɛn fi amanaman mu,

na yɛnna wo din kronkron no ase,

na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho.

36 Nnw 41.13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, fi daa kosi daa.

Na ɔman no nyinaa kae sɛ Amen, yii AWURADE ayɛ.

Ɔsom no ho nhyehyɛe

37Ɛnna ogyaw Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa sɛnea ehia da biara;

38na Obed-edom ne wɔn nuanom si aduosia awotwe, na Yedutun ba Obed-edom ne Hosa yɛɛ aponanohwɛfo.

391 Be 21.29 Na ogyaw ɔsɔfo Sadok ne ne nuanom hɔ AWURADE anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,

40Eks 29.38-39 sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre, ɔhyew afɔremuka no so mma AWURADE daa yi anɔpa ne anwummere nyɛ sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.

41Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔpaw wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkae, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔe wɔ hɔ daa;

42na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano.

43 2 Sa 6.17-19 Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi, na Dawid nso san kɔe kohyiraa ne fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help