Adiyisɛm 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔbea no ne Ɔtweaseɛ no

1Na sɛnkyerɛnne kɛse bi yii ne ho adi ɔsoro: Ɔbea bi a ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti,

2Mika 4.10 na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no.

3 Adi 12.9 Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti.

4Dan 8.10 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyɛm abiɛsa mu biako, na ɔtotow guu asase so. Na ɔtweaseɛ no begyinaa ɔbea a ɔrebɛwo no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

5Nnw 2.9; Adi 19.15 Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dade poma bedi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn.

6Mat 2.13; Adi 11.2-3 Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, nea Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.

Mikael di ɔtweaseɛ no so nkonim

7 Dan 10.13; 10.21; 12.1 Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe.

8Na odii wɔn so, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio.

9Luka 10.18; Yoh 12.31; Gye 3.1; 3.14 Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.

10 Adi 11.15; Hiob 1.11; Sak 3.1; Luka 22.31 Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ:

Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ

yɛn Nyankopɔn de,

na tumi ayɛ ne Kristo no dea,

efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene;

ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.

11 Adi 7.14; 12.17; Rom 8.37 Na wɔnam oguammaa no mogya

ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim,

na wɔansuro sɛ wɔbewu.

12Eyi nti ɔsoro ne mo a motete mu no,

momma mo bo ntɔ mo yam.

Asase ne ɛpo nnue,

efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn,

na wafa abufuw kɛse,

efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.

Ɔtweaseɛ no tu sa bio wɔ asase so

13Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no.

14Adi 12.6; Dan 7.25; 12.7 Na wɔmaa ɔbea no, ɔkɔre kɛse no ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne tenabea, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne bere fa afi ɔwɔ no anim.

15Na ɔwɔ no puw n’anom nsu te sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no.

16Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no.

17Adi 14.12; 19.10; 1 Yoh 5.10 Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.

18Na okogyinaa mpoano anwea so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help