1Sion nti meremmua m’ano,
na Yerusalem nti merenyɛ komm,
de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee hann,
na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.
2 Yes 65.15; Adi 2.17 Na amanaman behu wo trenee,
na ahene nyinaa ahu w’anuonyam,
na wɔato wo din foforo
a AWURADE ano bɛkyerɛ no.
3Na wobɛyɛ ahokeka abotiri, AWURADE nsa so,
ne ɔhene abotiten, wo Nyankopɔn nsam.
4 Yes 60.15; Hos 2.19 Wɔrense wo sɛ: Nea wɔagyaw no, bio,
na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio,
na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: M’anisɔ wɔ no mu,
ne w’asase nso sɛ: Ɔbaa warefo,
efisɛ AWURADE ani sɔ wo,
na w’asase nso, wɔbɛware no.
5 Sef 3.17 Na sɛ aberante ware ababaa no,
sɛ wo bɔfo bɛware wo ne no;
sɛ ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no,
saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛw no wo ho.
6 Yes 52.8 W’afasu so, Yerusalem,
na mede awɛmfo maduadua;
adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi,
wɔremmua wɔn ano;
mo a mokae AWURADE no,
monnyɛ komm koraa.
7Na mommma ɔnnhome nso
kosi sɛ ɔbɛsesɛw Yerusalem ma asi hɔ
ayɛ ayeyi wɔ asase so.
8 Yes 65.21-22 AWURADE aka ne nsa nifa,
ne ne tumi basa no ho ntam sɛ:
Meremfa w’awi
memma w’atamfo nni bio,
na ananafo mma rennom wo nsa
a wobrɛɛ ho no.
9Na wɔn a wɔboa ano na wobedi
na wɔayi AWURADE ayɛ,
na wɔn a wɔhwɛ bobe aba no boaboa ano no bɛnom,
wɔ me kronkronbea abangua so.
10 Yes 57.14 Monsen, monsen mfa kurow apon no mu,
mommɔ ɔman no kwan;
muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn,
montase so abo;
munsi so frankaa na aman no nhu.
11 Sak 9.9; Yes 40.10; Adi 22.12 Hwɛ, AWURADE ama wɔate
akodu asase awiei noho sɛ:
Monka nkyerɛ Sion babea sɛ:
Hwɛ, wo nkwagye reba,
hwɛ, n’akatua ka ne ho,
na n’ananmuhyɛ di n’anim.
12 Yes 35.10 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron,
wɔn a AWURADE agye wɔn,
na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan,
kurow a wɔrennyaw no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
