1 Samuel 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Samuel sra Saul ngo si no hene

1Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.

2Gye 35.19 Wufi me nkyɛn nnɛ rekɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hye so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfurum a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfurum no ho dwen, na mo so na ne dadwen abesi sɛ: Menyɛ me ba yi ho dɛn?

3Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma.

4Na wobekyia wo, na wɔama wo brodo abiɛsa na woagye wɔn nsam.

5Ɛno akyi no, wubedu Gibeat-elohim, wɔ nea Filistifo bansifo wɔ no; na sɛ wudu kurow no mu hɔ a, wubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi sorɔnsorɔmmea hɔ, na bɛnta sanku ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim, na wɔrehyɛ nkɔm.

61 Sa 10.10 Na AWURADE honhom besi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadan ayɛ onipa foforo.

7Na sɛ nsɛnkyerɛnne yi ba mu ma wo a, yɛ nea wo nsa bɛso so fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

81 Sa 13.8 Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ.

9Na ɔdan ne ho sɛ ɔrefi Samuel nkyɛn akɔ no, Onyankopɔn maa no koma foforo; na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa baa mu da no ara.

101 Sa 19.20-24 Na woduu Gibea kurow no mu no, hwɛ, adiyifo asafo behyiaa no, na Onyankopɔn honhom besii Saul so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.

11Na wɔn a wonim no kan no nyinaa huu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifo mu no, nkurɔfo no sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn ne nea ayɛ Kis ba no yi? So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?

12Na obi a ofi hɔnom buae sɛ: Na eyinom nso kannifo ne hena? Enti ɛdan abebusɛm sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?

13Na ne nkɔmhyɛ honhom no twae no, ɔbaa sorɔnsorɔmmea hɔ.

14Na Saul n’agya ne nua ka kyerɛɛ no ne abofra no sɛ: Ɛhe na mokɔe? Na ose: Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum no, na yehui sɛ wonni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.

15Na Saul n’agya ne nua no kae sɛ: Ka me nea Samuel ka kyerɛɛ mo no ɛ!

16Na Saul ka kyerɛɛ n’agya ne nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfurum no. Na ahenni no ho asɛm a Samuel kae no de, wanka ankyerɛ no.

17Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.

18Na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na miyii Israel Misraim mebae, na migyee mo Misraim nsam ne ahenni a ɛhyɛɛ mo so nyinaa nsam;

191 Sa 8.7 nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.

20 1 Sa 14.41-42; Yos 7.16 Na Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa twiw bɛnee, na wɔtwee ntonto ma ɛbɔɔ Benyamin abusuakuw.

21Na ɔmaa Benyamin abusuakuw no twiw bɛnee, sɛ ne mmusua no te: Na wɔtwee ntonto ma ɛbɔɔ Matri abusua, na wɔtwee mmarima no so ntonto ma ɛbɔɔ Kis ba Saul. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no.

22Na wokobisaa AWURADE bio sɛ: So onipa no baa ha anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakohintaw nneɛma no mu.

23Na wotutuu mmirika kɔfaa no fii hɔ. Na obegyinaa ɔman no mu no, na ɔware sen ɔman no mufo nyinaa fi ne mmati so kɔ soro.

241 Ah 1.25 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ nea AWURADE apaw no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

25 1 Sa 8.11; Deut 17.14-20 Ɛnna Samuel kaa ahenni no ho nhyehyɛe kyerɛɛ ɔman no, na ɔkyerɛw hyɛɛ nhoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi mu.

26Na Saul nso kɔɔ ne fi Gibea, na dɔm no mu akokodurufo binom a Onyankopɔn aka wɔn koma no ne no kɔe.

271 Sa 11.12 Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help