2 Samuel NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUSamuel nhoma a ɛto so abien no yɛ nea edi kan no ntoaso, ɛyɛ abakɔsɛm a ɛfa Dawid ahenni ho. Dawid dii kan dii hene wɔ Yuda a ɛwɔ anafo fam Ti 1-4. Akyiri no obedii ɔman mu no nyinaa so hene a atifi fam a wɔfrɛ no Israel no ka ho Ti 5-24 Ɛyɛ asɛnturodoo sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na Dawid ahenni mu atrɛw na atim nti, na etwa sɛ ɔne ɔman no mu atamfo ne amannɔne atumfo di ako. Wɔkyerɛ sɛ, Dawid yɛ obi a ɔwɔ AWURADE mu gyidi ara yiye na otuu ne ho nso sii hɔ maa AWURADE, na odii ne manfo nokware nso. Nanso ɛtɔ mmere bi a wohu no sɛ obi a onni ahummɔbɔ, na ɔde ne pɛ yɛ bɔne akɛse de hwehwɛ n’apɛde ne ne botae bi. Nanso bere a AWURADE diyifo Natan de ne mfomso sii n’anim no ɔkaa ne bɔne na ogyee asotwe a Onyankopɔn de baa ne so no.Ɔhene Dawid abrabɔ ne ne dwumadi sɔɔ ɔman Israel ani nti, akyiri yi a ɔman no kɔɔ ɔhaw mu na wɔrehwehwɛ ɔhene foforo no na wɔpɛ: Dawid ba, ɛne sɛ obi a ɔyɛ Dawid aseni na ɔte sɛ ɔno ara.EMU NSƐMDawid di Yuda so hene 1.1—4.12Dawid di Israel nyinaa so hene 5.1—24.25Mfe a edi kan no 5.1—10.19Dawid ne Batseba 11.1—12.25Ɔhaw ne ahokyere bere 12.26—20.26Mfe a edi akyi no 21.1—24.25