Nnwom 37 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Abɔnefo ahotɔ nkyɛ(Nnwom 49; 73)Dawid de

1 Mmb 24.19 Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti,

mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho;

2na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare,

na wɔakisa sɛ wura momono.

3 Nnw 37.27, 29 Bata AWURADE ho, na yɛ papa,

tena asase so, na di nokware,

4na ma w’ani nka AWURADE ho,

na wama wo nea wo koma pɛ.

5 1 Pe 5.7 Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam,

na fa wo ho to no so,

na ɔno na ɔbɛyɛ,

6 Nnw 97.11; 112.4; Hiob 11.17 na wayi wo trenee adi sɛ adekyee,

ne wo bem sɛ owigyinae.

7 Nnw 73.3 Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no.

Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti,

onipa a odi ne koko so asɛm so nti.

8Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ,

nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko,

9 Nnw 37.11, 22, 29, 34 na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,

na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no,

wɔn na wobenya asase no adi.

10 Nnw 37.35 Ate kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ,

na wɔhwehwɛ ne tenabere a, na onni hɔ.

11 Nnw 37.9; Mat 5.5 Na ahobrɛasefo benya asase no adi,

na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.

12Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm,

na ɔtwɛre ne se gu no so:

13 Hiob 18.20 AWURADE serew no, efisɛ wahu sɛ ne da reba.

14 Nnw 11.2 Abɔnefo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn ta mu,

sɛ wɔbɛma ɔmanehunufo ne ohiani ahwe ase,

na wɔakum wɔn a wɔn abrabɔ ye:

15Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam,

na wɔn ta abubu.

16 Mmb 15.16 Ade kakra a onipa trenee wɔ no ye

sen abɔnefo bebree ahonyade dodow.

17Na abɔnefo abasa bebubu,

na AWURADE wowaw treneefo.

18AWURADE nim wɔn a wodi mu no nna,

na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.

19 Nnw 33.19 Wɔn ani renwu bere bɔne mu,

na wɔbɛmee, ɔkɔm mmere mu.

20 Nnw 68.2 Na abɔnefo bɛyera,

na AWURADE atamfo bɛyɛ sɛ sare momono fɛfɛ,

wɔbɛhyew awie sa sɛ owusiw.

21Ɔbɔnefo fɛm, na ontua,

na ɔtreneeni hu mmɔbɔ, na ɔma.

22 Nnw 37.9 Na wɔn a wahyira wɔn na ebedi asase no,

na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wobeyi wɔn hɔ.

23AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yiye,

na ne kwan sɔ n’ani,

24 Mmb 24.16 sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa,

efisɛ AWURADE kura ne nsam.

25 Nnw 34.9-10 Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora,

nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no

anaasɛ n’asefo srɛ aduan.

26Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm,

na n’asefo nso yɛ nhyira.

27 Nnw 34.14 Fi bɔne ho na yɛ papa,

na woatena hɔ daa;

28 Nnw 11.7 efisɛ AWURADE dɔ atemmu,

na ɔrennyaw n’ahotefo.

Ɔhwɛ wɔn so daa,

na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.

29 Yes 60.21 Treneefo benya asase no adi,

na wɔatena so daapem.

30Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkrɛma bu atɛntrenee;

31 Nnw 40.8 ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam,

na ne nan nwatiriw.

32 Nnw 10.8-10 Ɔbɔnefo tɛw ɔtreneeni,

na ɔhwehwɛ no akum no.

33 Nnw 34.22 AWURADE rennyaw no ne nsam,

na sɛ wobu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.

34 Nnw 37.9 Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so,

na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi;

sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.

35 Hiob 5.3-5; 20.6-7; Hes 31.3-14 Mahu ɔbɔnefo a odi tumi,

na ɔdennan sɛ dua frɔmm a anya asiye,

36 Nnw 37.10 na obi twaa mu no, na hwɛ, onni hɔ,

na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Gye 39.8-9 Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ;

sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.

38Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,

abɔnefo ase de, wobegu.

39 Nnw 46.1 Na treneefo nkwagye fi AWURADE,

ɔne wɔn guankɔbea, ahohia da mu.

40 Luka 18.8 Na AWURADE boa wɔn, na ogye wɔn,

oyi wɔn fi abɔnefo nsam, na ogye wɔn nkwa,

efisɛ wɔde wɔn ho to no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help