1Onyankopɔn, tie me nne,
me nkɔmmɔdi mu, bɔ me nkwa ho ban,
na ɔtamfo ammeyi me hu.
2Fa me hintaw fi nnipa bɔne kokoam agyinatu ho,
fi amumɔyɛfo gyegyeegye ho.
3 Nnw 57.4 Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa,
wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,
4 Nnw 11.2 sɛ wɔbɛtow abɔ nea ɔyɛ pɛ no kokoam,
wɔtow bɔ mpofirim, na wonsuro.
5 Nnw 94.7 Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den,
wɔkeka sɛ wobehintaw asum afiri,
wɔka sɛ: Hena na obehu yɛn?
6Wɔbɔre hwehwɛ amumɔyɛ,
wɔawie wɔn atirimpɔw no,
wɔabɔre abɔre,
efisɛ onipa tirim ne ne komam dɔ.
7Na Onyankopɔn bɛtow bɛmma abɔ wɔn,
wobepira mpofirim,
8 Nnw 7.15 na wɔbɛhwe ase,
na wɔn tɛkrɛma so asɛm abua wɔn atifi,
wɔn a wɔhwɛ wɔn nyinaa ho bɛpopo.
9Na nnipa nyinaa besuro,
na wɔaka Onyankopɔn adwuma,
na wɔahu ne nneyɛe mu.
10Ɔtreneeni ani begye AWURADE ho,
na waguan atoa no,
na komam teefo nyinaa bɛhyehye wɔn ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
