1 Nnw 119.1; 26.4; Mmb 4.14; Yer 15.17 Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu,
na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so,
na ɔntena fɛwdifo tenabea,
2 Nnw 119.35, 47, 70, 97; Yos 1.8; Deut 6.7 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho,
na odwen ho awia ne anadwo.
3 Nnw 92.12-15; Yer 17.8 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho
a ɛsow n’aba, ne bere mu,
na n’ahaban mpo,
na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.
4 Nnw 35.5; Hiob 21.18; Hos 13.3 Abɔnefo de, wɔnte sa,
na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu.
5Enti abɔnefo renni bem atemmu mu,
na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu.
6 Nnw 37.18; Hiob 23.10; 2 Tim 2.19 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan,
na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
