1 Yer 31.33; 24.7 Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
2Sɛ AWURADE se ni:
Ɔman a wɔafi mu afi afoa ano no
anya ɔdom sare so;
mmere a Israel hwehwɛɛ ɔhome no.
3AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ me fii teteete sɛ:
Mede daa dɔ na adɔ wo,
na ne saa nti, me nokwaredi ne wo wɔ hɔ.
4Mesi wo bio, na woasi hɔ,
Israel baabun,
wobɛhyehyɛ wo mpintin bio,
na woafi adi, na wo ne anigyefo asaw.
5Wobɛtɛw bobe nturo
Samaria mmepɔw so bio;
atɛwfo bɛtɛw,
na wobedi so aba nso.
6Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfo bɛteɛm
Efraim bepɔw so sɛ:
Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion,
AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.
7Na sɛ AWURADE se ni:
Monto Yakob ho ahurusi dwom,
mommɔ ose mma amanaman ti no.
Momma wɔnte, munyi ayɛ, na monka sɛ:
AWURADE, gye wo man,
Israel nkae no nkwa.
8 Yes 35.8-10 Hwɛ, mede wɔn mifi atifi fam asase so reba,
na makɔboa wɔn ano afi asase anoano tɔnn;
na anifuraefo ne mpakye,
apemfo ne mmaatan nyinaa ka ho bi;
asafo yuu na wɔbɛsan aba ha.
9 2 Ko 6.18 Wɔde osu na ɛbɛba,
na mɛkyekye wɔn werɛ de wɔn aba,
na megya wɔn de wɔn akɔ asuten ho,
ɔkwan tee a wɔrenhintiw wɔ so;
na mayɛ Israel agya,
na Efraim ne m’abakan.
10Muntie AWURADE asɛm, amanaman,
na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so
sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano,
na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw.
11Na AWURADE agye Yakob,
na wagye no afi nea ɔyɛ den sen no nsam.
12 Yes 58.11 Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom, Sion sorɔnsorɔmmea ho,
na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho,
aduan ne nsa ne ngo
ne nguammaa ne anantwi ho,
na wɔn kra ayɛ sɛ turo a anya nsu pii,
na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.
13Ɛno na mmabaa ani begye asaw mu,
na mmerante ne nkwakoraa abom anya anigye;
na mɛdan wɔn nkɔmmɔdi ahosan,
na makyekye wɔn werɛ,
na mama wɔn ani agye afi wɔn awerɛhow mu.
14Na mɛma srade amee asɔfo no kra,
na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm ni.
15 Mat 2.18 Sɛ AWURADE se ni;
Wɔte nne bi Rama,
agyaadwotwa ne osu yawyaw.
Rahel resu ne mma,
na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye,
efisɛ wonni hɔ.
16Sɛ AWURADE se ni:
Mma wo nne so nsu bio,
w’aniwa nso, mma ɛnsen nusu,
na w’adwuma so akatua wɔ hɔ,
AWURADE asɛm ni,
na wɔbɛsan afi ɔtamfo asase no so;
17na anidaso wɔ hɔ ma w’awiei,
AWURADE asɛm ni,
na mma bɛsan aba wɔn ahye so.
18Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ:
Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu,
na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee:
Dan me bra, ma mensan mmra,
na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.
19Na me nsanakyiri no akyi no, minuu me ho,
na wuhuu me akyi no, mebɔɔ me srɛm;
m’ani wui, na mesopae po,
efisɛ meso me mmerantebere mu ahohora.
20 Yes 49.15; Hos 11.8 So Efraim yɛ me dɔ ba?
Anaa abotɔyam ba?
Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi,
nkae ara na meda so mekae no?
Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho,
enti me yam hyehye me ma no,
AWURADE asɛm ni.
21Hyɛ ɔkwan no nsow fa,
sisi kwankyerɛ adum fa,
fa wo koma si ɔtempɔn so,
ɔkwan a wofaa so kɔe, no so.
San bra, Israel baabun,
san bra wo nkurow yi mu.
22Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akosi da bɛn,
ɔbabea okyirisanfo?
Na AWURADE abɔ ade foforo, asase so,
ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.
23Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Minya mede wɔn nnommum mesan meba a, wɔbɛda so aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkurow mu sɛ:
AWURADE ahyira wo, trenee tenabea,
bepɔw kronkron.
24Na Yuda ne ne nkurow nyinaa bɛbom atena mu, akuafo ne wɔn a wɔne mmoakuw di atutena.
25 Mat 11.28 Na mɛma ɔkra a atɔ beraw ani so atetew no,
na mama akra a atɔ piti nyinaa amee.
26Eyi so na minyanee, na mehwɛe, na me nna no ate me dɛw mu.
27Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ medua Israel fi ne Yuda fi mama nnipa ase ne mmoa ase afɛe.
28Na sɛnea m’ani saa wɔn sɛ metutu na mabubu na madwiriw na masɛe na mayɛ bɔne no, saa ara na m’ani beku wɔn ho sɛ mesi na madua, AWURADE asɛm ni.
29Kwa 5.7; Hes 18.2 Nna no mu no wɔrenka bio sɛ:
Agyanom adi abuntwɛre,
na mma se afem
30Na mmom obiara ankasa amumɔyɛ nti na obewu; onipa biara a ɔtwɛre abun no na ne se bɛfem.
Ɔdom apam foforo31 Heb 8.8-12 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo.
32Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni.
33Rom 11.27; Yes 54.13; Heb 10.16-17; Yer 31.1 Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
34Yer 33.8; Yes 43.25 Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.
35Sɛɛ na AWURADE se:
Nea ɔma owia haran awia
na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma ma ɛharan anadwo
na onu po mu ma n’asorɔkye huru
ne din de asafo AWURADE.
36 Yer 33.25; Rom 11.1 Sɛ ahyɛde horow yi sen
fi m’ani so a, AWURADE asɛm ni,
ɛno ansa na Israel asefo nso begyae sɛ
wɔbɛyɛ ɔman wɔ, m’anim daa nyinaa.
37Sɛ AWURADE se ni:
Sɛ wotumi susuw soro atifi,
na wotumi bɔre asase nnyinaso hu wɔ fam a,
ɛno ansa na me nso mɛpa Israel asefo nyinaa,
nea wɔayɛ no nyinaa nti,
AWURADE asɛm ni.
Yerusalem bɛyɛ kɛse38 Sak 14.10 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔbɛkyekyere kurow no ama AWURADE afi Hananel abantenten ho akosi twea so ponkɛse so,
39na susuhama no befi hɔ ara afa ne ntentenso afi adi akodu Gareb koko so, na adan akɔ Goa,
40na afunu ne nso bon no nyinaa ne nsaasewa nyinaa a ekodu asu Kidron ho kosi apɔnkɔ ponkɛse twea so, apuei no, bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiriw da biara da bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.