1AWURADE, me Nyankopɔn ne wo,
mɛma wo so makamfo wo din
sɛ woayɛ anwonwade;
tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware.
2Na woadan kurow afabo kuw,
woama abandennen ayɛ abansin;
ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio,
na wɔrento bio da biara da.
3Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo anuonyam,
amanaman ahoɔdenfo kurow besuro wo.
4 Yes 4.6; 30.28; 33.11 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni,
aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu,
ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini,
atirimmɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu.
5Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru;
nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru.
Amanaman apontow Sion bepɔw so6 Nnw 22.26-29; Mat 22.2 Na asafo AWURADE bɛtow aman nyinaa pon
Sradeduan, nsa a akyɛ,
srade ne hon, nsa a wɔasɔn so.
7Na bepɔw yi so
na obeyi anim ntama a ɛkataa aman nyinaa anim,
ne nkataso a ɛkataa amanaman nyinaa so no. Ɔbɛmene owu akosi daa.
8 1 Ko 15.55; Adi 7.17 Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu,
na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ,
efisɛ AWURADE na waka.
9 Nnw 48.14 Ɛda no na wɔbɛka sɛ:
Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani daa no so sɛ obegye yɛn no ni;
AWURADE a yɛn ani daa no so no ni.
Momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye ne nkwagye no mu.
10Na AWURADE nsa besi bepɔw yi so;
na wobetiatia Moab so n’afa,
sɛ wotiatia nwura dodow so wɔ sumina so;
11na mpo wɔbɛtrɛw wɔn nsam wɔ mu,
sɛnea osuguarefo trɛw ne nsam guare no,
na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.
12Na w’afasu a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase
adwiriw agu fam, mfutuma mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
