1Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade mu,
wɔagu w’asɔrefi kronkron ho fi,
wɔama Yerusalem ayɛ agowagow.
2Wɔde wo nkoa amu ama wim nnomaa adi,
wɔde w’ahotefo nam ama asase so mmoa.
3Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsu de atwa Yerusalem ho ahyia,
na nea osie wɔn nni hɔ.
4 Nnw 44.13 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho,
fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
5 Nnw 80.4 Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi,
na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya?
6 Yer 10.25 Hwie w’abufuw gu amanaman a wonnim wo
ne ahenni a wɔmmɔ wo din no so,
7na wɔamene Yakob, na wɔagu ne tenabea.
8Nkae kanfo amumɔyɛ mfa ngu yɛn so,
yɛ ntɛm ma w’ayamhyehye mmehyia yɛn,
na wɔabrɛ yɛn ase fɛmm.
9Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn,
wo din anuonyam nti na yi yɛn,
na wo din nti kata yɛn bɔne so.
10 Nnw 42.3; 115.2; Yoel 2.17 Adɛn nti na amanaman nka sɛ:
Wɔn Nyankopɔn wɔ he?
Ma wonhu amanaman mu, yɛn anim,
sɛ wudi wo nkoa mogya a wɔka gui no so were.
11 Nnw 102.20 Ma ɔpokyerɛni apinisi nnu w’anim,
sɛ wo nsa kɛseyɛ te no, kora owu mma so.
12 Nnw 137.7 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no,
dan no mpɛn ason gu wɔn kokom.
13Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nguan no,
yɛbɛda wo ase daa,
yɛbɛka w’ayeyi akyerɛ awo ntoatoaso nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
