1Monkyekye, monkyekye me man werɛ,
mo Nyankopɔn na ose.
2 Hos 2.14; Sak 9.12 Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,
na mommɔ no kaseɛ
sɛ n’akode asa,
sɛ wɔde ne mfomso akyɛ,
sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya
AWURADE nsam mmɔho.
3 Luka 3.4-6; Yoh 1.23 Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so,
monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.
4Wɔmmoma abon nyinaa so,
na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase;
na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw,
na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom.
5Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi,
na ɔhonam nyinaa abom ahu,
efisɛ AWURADE ano na aka.
6 1 Pe 1.23-25; Yak 1.10-11; Nnw 90.5-6 Ɛnne bi se: Teɛm!
Na mise: Menteɛm dɛn?
Ɔhonam nyinaa yɛ wura,
na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren.
7Wura guan, nhwiren twam,
na AWURADE ahome huw fa so.
Ampa, ɔman no yɛ wura.
8 Nnw 119.89; Luka 21.23 Wura guan, nhwiren twam,
na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.
9Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so,
O ɔsɛmpakafo Sion.
Ma wo nne so ahoɔden so,
O ɔsɛmpakafo Yerusalem.
Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ:
Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.
10 Yes 62.11 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba,
na ne basa bedi nim ama no;
hwɛ, n’akatua ka no ho,
na n’ananmuhyɛ di n’anim.
11 Yoh 10.11-12 Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo,
obeturu nguammaa ne basa so,
na wasoa wɔn ne kokom;
nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.
Obiara ne AWURADE nsɛ12Hena na ɔde ne nsayam asusuw nsu,
na ɔto ɔsoro nsaama,
na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma,
na ɔkari mmepɔw nsenia mu
ne nkoko nsenia nkora mu?
13 1 Ko 2.16; Rom 11.34 Hena na ɔteɛ AWURADE honhom so,
na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade?
14Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi,
na wakyerɛ no atemmu kwan,
na wakyerɛ no nimdeɛ,
na wama wahu nhumu kwan?
15Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ,
na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi.
Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ.
16Na Lebanon nso hyew,
na ne mmoadoma nso ɔhyew afɔre.
17Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim;
obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.
18 Yes 44.9-20; Aso 17.29 Na hena ho na mode Nyankopɔn bɛto,
na suban bɛn na mode besusuw no?
19Ohoni de, odwumfo na ogu,
na sikadwumfo de sika dura ho,
na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;
20nea ayɛyɛde abɔ no no paw dua a ɛmporɔw;
ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo fa,
na wasen ohoni a ɛnkeka ne ho.
21So munhui? So montee ɛ?
So womfii mfiase nka nkyerɛɛ mo?
So efi asase nnyinaso so, montee biribiara ase?
22 Nnw 104.2 Ɔno na ɔte asase kontonkron so,
na ɛsotefo te sɛ mmoadabi.
Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam,
na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu.
23Ɔno na ɔma abirempɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee,
ɔdan asase so akannifo sɛ ahuhude.
24Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ,
wɔn dua gyee asase mu ntini ara pɛ,
na wahuw afa wɔn so
ama wɔakisa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛwa.
25Na ɛhena ho na mode me bɛto
na me ne no asɛ?
Ɔkronkronni no na ose.
26 Nnw 147.4 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro,
na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom.
Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi,
na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn;
ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti
obiara nka akyiri.
27Ɛdɛn nti na, Yakob, woka,
na Israel, wokasa sɛ:
Me kwan ahintaw AWURADE,
na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so?
28 Yes 45.12; 40.13 So wunhui? So wontee ɛ?
AWURADE yɛ daa Nyankopɔn
Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no.
Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw;
na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.
29Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi,
na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.
30Mmerante brɛ, na wɔpa abaw,
na nkwankwaa hwehwe ase.
31 Nnw 103.5 Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo,
wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre,
wobetu mmirika, na wɔremmrɛ,
wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.