1O Mpoano aman, monyɛ komm ntie me,
na aman nhyɛ wɔn ho den foforo.
Ma wɔmmra mmɛkasa,
momma yɛmmom nhyia asennii ntie atemmu.
2 Yes 41.25; 44.28; 45.1, 13; 46.11; 48.14-15 Hena na onyan nea ofi apuei no
a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no?
Ɔde amanaman gu n’anim,
na ɔde ahene hyɛ n’ase.
N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw,
ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu.
3Otiw wɔn na otwam sɔnn sɔnn,
ɔkwan a ne nan nsii so da so.
4 Yes 44.6; 48.12; Adi 1.8; 11.17 Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae,
na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase?
Me AWURADE na midi kan,
na akyikafo mu nso mene ɔno ara.
5Mpoano aman hui, na wosuroe,
asase awiei ho popoe.
Wɔbɛnee na wɔbae.
6Oyi boa ne yɔnko,
na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den!
7Odwumfo hyɛ sikadwumfo den,
nea ɔde asae toromtorom ho yɛ nea ɔbɔ atommo so saa ara,
ɔka wɔ ɔsɔ no ho sɛ: Ayɛ yiye,
na ɔde nnadewa bobɔ mu, na antu.
Onyankopɔn na ɔbɔ Israel ho ban8 Yes 43.10; 42.19; 44.1, 21; 45.4; 42.1; Yak 2.23 Na wo, m’akoa Israel,
Yakob a mapaw no,
me dɔfo Abraham asefo!
9Wo a maso wo mu afi asase ano
na mafrɛ wo afi n’ahye so aba,
na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo,
mapaw wo, na merentow wo menkyene!
10 Yes 43.1 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ,
mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo,
nso mede me trenee nifa mikura wo mu.
11Hwɛ, wɔn a wɔn bo ahuru wo nyinaa
ani bewu na wɔasopa,
na nnipa a wɔne wo anya no
bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.
12Wobɛhwehwɛ wɔn a wɔne wo ham no
nanso worenhu wɔn;
na wɔn a wɔne wo adi ako no
bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.
13Na me, AWURADE wo Nyankopɔn,
mikura wo nifa mu;
me na mise wo sɛ:
Nsuro, me ara mɛboa wo!
14 Yes 43.3 Nsuro, aboawa Yakob,
ne mo Israel mma!
Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae,
na wo gyefo ne Israel kronkronni no.
15Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri
nnamnam foforo anofanu,
na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku,
na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa.
16Wubehuw so na mframa asoa akɔ
na ahum abɔ apete; na wo de,
wubedi AWURADE mu ahurusi
de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.
17Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu
na ebi nni hɔ a osukɔm nti
wɔn tɛkrɛma so awo no,
me, AWURADE, megye wɔn so,
me, Israel Nyankopɔn,
merennyaw wɔn.
18 Yes 35.1, 7; 43.20 Metue mpampa peredee so nsuwansuwa
ne abon mu nsuaniwa;
mede sare so mɛyɛ ɔtare,
na mede asase kesee mayɛ asuti;
19mɛma sare so aba nkyeneduru,
ɔkanto, ohuamma ne ngo nnua;
mɛma ɔpopaw, asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ
abom asisi sare so,
20sɛ nnipa nhu nte ase mfa nsie koma mu
na wonnwen ho prɛko sɛ:
AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyinom,
na Israel kronkronni no na ɔbɔe.
AWURADE ne nkɔmhyɛ Nyankopɔn21Mommɛka mo nsɛm, AWURADE na ose,
mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ose.
22 Yes 43.8-9; 44.7 Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba.
Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no,
sɛ ɛte, na yennwen ho nhu n’awiei,
anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte.
23Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no
na yenhu sɛ anyame ne mo;
yiw, monyɛ papa anaa bɔne,
na yɛn ho nnwiriw yɛn na yensuro.
24Hwɛ, monyɛ hwee,
na mo nneyɛe yɛ adehuhuw;
akyide ne nea ɔfa mo.
25Mahwanyan obi afi atifi fam ma waba,
awiapuebea na obefi abɔ me din;
na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so,
na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte.
26Hena na ofi mfiase kae, na anka yenhu,
anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafo!?
Ampa, nea ɔkae nni hɔ nea ɔma wɔtee nni hɔ,
nea ɔtee mo nsɛm nni hɔ.
27 Mat 23.34 Me na midii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, woni:
Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafo.
28Na mehwɛe, na obi nni hɔ,
na wɔn mu nso, ɔfotufo bi nni hɔ
a mibisa a, anka obebua me.
29 Nnw 96.5 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa,
wɔn nneyɛe nyɛ hwee;
wɔn gu ahoni yɛ mframa ne ahuhude.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.