Rut 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Rut di Boas afuw mu mpɛpɛw

1Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ofi Elimelek abusua mu a ne din de Boas.

2Na Rut, Moabni bea no, ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuw mu minkodi mmɛtem no mpɛpɛw, nea menya n’anim anuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meba, kɔ ɛ!

3Na ɔkɔ kodii mpɛpɛw afuw mu wɔ awitwafo no akyi; na okofii afuw bi a ɛyɛ Boas a ofi Elimelek abusua mu no de mu.

4Na hwɛ, Boas fi Betlehem bae, na okyiaa awitwafo no sɛ: AWURADE nni mo akyi. Na wogyee no so sɛ: AWURADE nhyira wo.

5Ɛnna Boas bisaa n’abofra a ogyina awitwafo no akyi no sɛ: Hena ababaa ni?

6Na obuaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi san fii Moab asase so bae no.

7Ɔbɛsrɛɛ sɛ: Ma minni awitwafo no akyi minni mpɛpɛw mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na okura mu ara de fi anɔpa de abedu sesɛɛ a bere tiaa bi pɛ na ɔde ahome.

8Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: Me ba, tie! Nkɔ afuw bi mu nkodi mpɛpɛw, nso mfi ha, na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho.

9Hwɛ afuw no fa a wotwa hɔ na di wɔn akyi. Hwɛ, mahyɛ mmerante no sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, kɔ nneɛma no ho kɔnom nea mmerante no asaw no bi.

10Ɛnna Rut de n’anim butuwii fam, na ɔkotow ka kyerɛɛ Boas sɛ: Ɛdɛn nti na manya w’anim anuonyam, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?

11Rut 1.16-17 Na Boas buaa no sɛ: Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no nyinaa, wɔaka ne nyinaa akyerɛ me: Sɛnea wugyaw w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ so, na wonam baa ɔman a wunnim wɔn da yi nkyɛn no.

12AWURADE nhyɛ wo, wo nneyɛe ananmu na nya akatua mu fi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.

13Na ɔkae sɛ: Me wura, ma menkɔ so ara nya w'anim adom, efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoesɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara po.

14Na eduu adidibere no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bra ha na bedi aduan no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa nyinyanyinya no mu. Na ɔbɛtenaa awitwafo no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee ma ebi kae.

15Na ɔsɔree sɛ ɔrekodi mpɛpɛwa no, Boas hyɛɛ ne mmerante no sɛ: Momma onni afiafi no nso ntam mpɛpɛw, na mummpoopoo no.

16Lew 19.9 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyaw ngu fam mma no, na onni no mpɛpɛw; na monnhaw no.

17Ɛnna odii afuw no mu mpɛpɛw de koduu anwummere, na ɔporow mpɛpɛw a odii no; na ɛyɛɛ bɛyɛ atoko olonka biako.

18Na ɔsoa baa kurow no mu; na n’ase huu nea ɔtasee no; na oyii nea odi mee na ɛkae no maa no.

19Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: Ɛhe na wukodii mpɛpɛw nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka nea n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.

20Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no, AWURADE a onnyaee ateasefo ne awufo adɔeyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no yɛ yɛn busuani, ɔyɛ yɛn bogya.

21Na Moabni Rut kae sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmerante a mewɔ yi ho na bata kosi sɛ wobewie nea mewɔ nyinaa twa.

22Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: Me ba, eye sɛ wo ne ne mmaawa no bɛkɔ, na wɔanhaw wo, wɔ afuw foforo bi mu.

23Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛw de kosii sɛ wowiee atoko ne awi no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help