Numeri 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mmapɔmma no afɔrebɔ

1 Eks 40.9-10 Na Mose wiee tenabea no si, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no,

2Israel mmapɔmma, wɔn mpanyimfi so atitiriw a wɔyɛ mmusuakuw no asafohempanyin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no so no de ayɛyɛde bae.

3Na wɔde wɔn ayɛyɛde baa AWURADE anim: nteaseɛnam a ɛso wɔ nkataso asia ne anantwi dumien; mmapɔmma baanu de teaseɛnam biako, na obiara de nantwi biako; na wɔde baa tenabea no anim.

4Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

5Gye wɔn ayɛyɛde no, na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na fa ma Lewifo no, obiara sɛnea n'adwuma te.

6Na Mose de nteaseɛnam ne anantwi no maa Lewifo no,

7ɔde nteaseɛnam abien ne anantwi anan maa Gerson mma, sɛ wɔn adwuma te,

8Eks 38.21; Deut 4.28, 33 na ɔde nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe maa Merari mma, sɛ wɔn adwuma te, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam;

9Deut 4.15 na Kohat mma de, wamma wɔn bi, efisɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea no ho nneɛma no wɔn mmati so.

10 2 Be 7.9 Na mmapɔmma no de afɔremuka no adwirade bae, da a wɔsraa ho ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛde baa afɔremuka no anim.

11Deut 1.4-16; 2.3-29 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔremuka dwira ho ayɛyɛde no mmra mmiako mmiako, obiara ne ne da.

12Na nea ɔde n'ayɛyɛde bae da a edi kan ne Aminadab ba Nahasɔn a ofi Yuda abusuakuw mu no.

13Na n'ayɛyɛde ne: dwetɛasanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako a ano si nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

14sika asankawa biako a ano si nnwetɛbona du a aduhuam ayɛ no ma;

15nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

16ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

17ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Aminadab ba Nahasɔn ayɛyɛde.

18Da a ɛto so abien no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae.

19N'ayɛyɛde a ɔde bae ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

20sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

21nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

22ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

23ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Suar ba Netanel ayɛyɛde.

24Da a ɛto so abiɛsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n'ayɛyɛde bae.

25N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

26sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

27nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

28ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

29ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Helon ba Eliab ayɛyɛde.

30Da a ɛto so anan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae.

31N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

32sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

33nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

34ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

35ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛde.

36Da a ɛto so anum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel bae.

37N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

38sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

39nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

40ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

41ne asomdwoe afɔre de, anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛde.

42Da a ɛto so asia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf bae.

43N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

44sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

45nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

46ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

47ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛde.

48Da a ɛto so ason no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama.

49N'ayɛyɛde ne dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

50sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

51nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

52ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

53ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Amihud ba Elisama ayɛyɛde.

54Da a ɛto so awotwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel.

55N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

56sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

57nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

58ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

59ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛde.

60Da a ɛto so akron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan.

61N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

62sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

63nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

64ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

65ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛde.

66Da a ɛto so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser.

67N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

68sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

69nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

70ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

71ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛde.

72Da a ɛto so dubiako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel.

73N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

74sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

75nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

76ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

77ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Okran ba Pagiel ayɛyɛde.

78Da a ɛto so dumien no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira.

79N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

80sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

81nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

82ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

83ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Enan ba Ahira ayɛyɛde.

84Eyi ne adwirade da a wɔsra afɔremuka no ho ngo no Israel mmapɔmma no nsam: dwetɛ nsanka dumien, dwetɛ nkora dumien, sika nsankawa dumien;

85asanka no biako yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa, na kora biako yɛ aduɔsɔn, na nneɛma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbona mpennu ahannan, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te;

86sika nsankawa a aduhuam ayeyɛ no maama dumien; asankawa no biako ano si nnwetɛbona du, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te, na nsankawa no sika nyinaa si nnwetɛbona ɔha aduonu.

87Ɔhyew afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini dumien, adwennini dumien, nguanten mma a wɔadi afe afe dumien ne wɔn nnuan ayɛyɛde ne bɔne ho afɔre mpapo dumien;

88na asomdwoe afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini aduonu anan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nguanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Eyi ne afɔremuka no sra akyi adwirade.

89 Eks 25.21-22; 1 Sa 3.3-14 Na Mose hyɛn ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛkasa kyerɛ no fi mpata agua a ɛwɔ adanse adaka no so no so wɔ kerubim abien no ntam; na Awurade kasa kyerɛɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help