Sakaria 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔdom ɔsɔfopanyin no

1 Hag 1.4; Hiob 1.9; Adi 12.10 Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

2Yuda 9 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu?

3Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ogyina ɔbɔfo no anim.

4Yes 6.7; 61.3 Na obua see wɔn a wogyinagyina n’anim no sɛ: Munyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama w’amumɔyɛ no afi wo so kɔ, na mede ntade nsakraho mahyɛ wo.

5Eks 28.39 Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ.

6Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ:

7Nnw 91.11 Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan.

8Yes 8.18; Sak 6.12; Yer 23.5; 33.15 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.

9Sak 4.10; Adi 5.6 Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.

101 Ah 4.25; Mika 4.4 Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help