Numeri 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dwetɛ torobɛnto no

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Deut 31.6 Yɛ dwetɛ ntorobɛnto abien, fa dwetɛ a wɔaboro na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.

3Na sɛ wɔhyɛn n'abien nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiae ntamadan no ano.

4Na sɛ wɔhyɛn biako a, mmapɔmma a wodi Israel apem apem so atitiriw no mmehyia wo nkyɛn.

5Na sɛ mohyɛn osebɔ nnyigyei a, nsra a ɛdeda apuei fam no ntutu;

6na sɛ mohyɛn osebɔ to so abien a, nsra a ɛdeda anafo fam no ntutu: wɔrebetu no, osebɔ nnyigyei na wɔnhyɛn.

7Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ gua a, monhyɛn, nanso ɛnyɛ osebɔ.

8Na Aaron mma asɔfo no na wɔnhyɛn ntorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛde mo awo ntoatoaso nyinaa mu

9Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnne momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam.

10Lew 23.24; 2 Ah 11.14; 2 Be 7.6 Na mo anigye nna ne mo afahyɛ a mohyɛ ne mo asram foforo no mu nso monhyɛn ntorobɛnto, mo hyew afɔre ne mo asomdwoe afɔre no so, na ɛnyɛ nkae mma mo, mo Nyankopɔn anim. Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Israelfo fi Sinai kɔ Paran

11Na afe a ɛto so abien no sram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no, omununkum no maa ne ho so fii adanse tenabea no so.

12Na Israelfo no tutuu wɔn nsra siim fii Sinai sare so, na omununkum no kogyinaa Paran sare so.

13Deut 1.4 Na eyi ne nea edi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose so no so tui.

14Na Yuda mma nsra ɔfrankaa no tui kan, sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahasɔn di;

15na Isakar mma abusuakuw dɔm no so na Suar ba Netanel di;

16na Sebulon mma abusuakuw dɔm no so na Helon ba Eliab di.

17Ɛnna wohunhuan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui.

18Na Ruben mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur di;

19na Simeon mma abusuakuw dɔm no so na Surisadai ba Selumiel di;

20na Gad mma abusuakuw dɔm no so na Deuel ba Eliasaf di.

21Ɛnna Kohatfo no soasoaa akronkronne no tui; na wosii tenabea no de kosii sɛ wɔbae.

22Na Efraim mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama di;

23na Manase mma abusuakuw dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel di;

24na Benyamin mma abusuakuw dɔm no so na Gideoni ba Abidan di.

25Ɛnna Dan mma nsra ɔfrankaa no tui bɔɔ nsra no nyinaa kyidɔm sɛ wɔn dɔm ahorow no te; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser di;

26na Aser mma abusuakuw dɔm no so na Okran ba Pagiel di;

27na Naftali mma abusuakuw dɔm no so na Enan ba Ahira di.

28Eyi ne Israelfo tu a wotui sɛ wɔn dɔm ahorow te no.

29 Ate 1.16; Eks 2.18 Na Mose ka kyerɛɛ n'akonta Hobab a ɔyɛ Midianni Reuel ba no sɛ: Yɛretu akɔ nea AWURADE kaa ho asɛm sɛ, ɛha na mede mɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yiye, efisɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.

30Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom m'ankasa m'asase so ne m'abusua mu na mɛkɔ.

31Na ose: Eyi de, nnyaw yɛn; na wo na wunim nea yɛbɛbɔ nsra, sare no so nti, yɛ yɛn kwankyerɛfo;

32na sɛ wo ne yɛn nantew a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bɛyɛ wo bi.

33Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no;

34Eks 13.21 na wotu fi nsra no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia.

35 Nnw 68.1; 132.8 Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ AWURADE, sɔre na w'atamfo mmɔ mpete na wɔn a wokyi wo nguan w'anim.

36Na sɛ ebegyina a, ɔka sɛ AWURADE, san bra Israel mpem mpem no nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help