1Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa,
na ade pa biara ho yɛ no ahi.
2Ɔkwasea nni nhumu ho anika,
na mmom sɛ obeyi ne koma adi.
3Ɔbɔnefo ba a, animtiaabu nso ba,
na adapaa ne ahohora na ɛnam.
4Ɔbarima anom nsɛm te se nsu a emu dɔ,
nyansa abura te sɛ asuten a ɛba yiye.
5 Deut 1.17 Enye sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefo anim,
na wɔdan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu.
6Ɔkwasea ano ma ntɔkwaw ba,
na n’afono frɛfrɛ asotɔre.
7 Mmb 13.3; 16.26 Ɔkwasea ano ne ne sɛe,
na n’anofafa ne ne kra afiri.
8 Mmb 26.22 Osututufo nsɛm te sɛ mfremfremade,
na esian kɔ ɔyafunu mpia mu.
9 Mmb 10.4 Nea ɔtoto n’adwuma ase nso,
ɔdesɛefo nua ne no.
10 Mmb 14.26; Nnw 20.1 Abannennen ne AWURADE din,
ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.
11 Mmb 10.15 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den,
na ɛte sɛ ɔfasu a ɛkorɔn n’adwene mu.
12 Mmb 16.18; 15.33 Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so,
na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.
13Nea obua asɛm ansa na ɔte no,
ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.
14 Mmb 15.13, 15 Onipa honhom tumi soa ne yare,
na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?
15Nhumufo koma nya nimdeɛ,
na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.
16 Gye 43.11 Onipa ayɛyɛde bɔ ɔkwan ma no,
na ɛde no ba nnipa akɛse anim.
17Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni
kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu.
18 Mmb 16.33 Ntonto pata atutuw,
na ɛpae atumfo ntam.
19Onua a wɔafom no sen kurow dennen,
na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban.
20 Mmb 12.14; 13.2 Ɔbarima anom aba ma ne yafunu mee,
n’anom nnɔbae mee no.
21 Mmb 13.3 Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam,
na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.
22 Mmb 19.14; 31.10 Nea wanya ɔyere no anya adepa,
na wanya AWURADE hɔ anisɔ.
23Kyɛwpa na ohiani de kasa,
na ɔdefo bua asɛnnennen.
24Nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho,
nanso na adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
