1Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson Samaria. Na enti Yehu kyerɛkyerɛw nhoma na ɔsomaa ma wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanyimfo ne Ahab mma gyigyefo no sɛ:
2Sɛ nhoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne ɔfasu mu kurow ne akode nso wɔ mo nkyɛn yi:
3Monhwehwɛ mo wura mma no mu nea oye ne nea ɔteɛ, na momfa no ntena n’agya agua so, na monko mma mo wura fi.
4Na wosuroe pa ara kae sɛ: Hwɛ, ahene baanu no annyina n’anim, na yɛn de, yebegyina dɛn?
5Na nea odi ofi no so ne nea odi kurow no so no, mpanyimfo ne mma gyigyefo no soma kɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na nea wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ nea wopɛ.
6Ɛnna ɔkyerɛw wɔn nhoma a ɛto so abien sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobetie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no, ti mmra me nkyɛn ɔkyena sesɛɛ Yesreel. Nso ɔhene mma no si mmarima aduɔsn; kurow no mu nnipa akɛse no nkyɛn na wɔyɛn wɔn.
7Na nhoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkum nnipa aduɔsɔn no, na wɔde wɔn ti guguu nkyerɛnkyɛ mu, na wɔsoma ma wɔde kɔmaa no Yesreel.
8Na ɔbɔfo no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no ti no aba. Na ose: Monhɔre no akuw abien ɔpon no ano nkosi anɔpa.
9Na anɔpa no, ofii adi kogyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Mudi bem, hwɛ, me na mepam me wura ti so na mikum no; na hena na okunkum eyinom nyinaa?
101 Ah 21.22 Munhu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkae Ahab fi ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ nea ɔnam n’akoa Elia so kae no.
11Na Yehu kum Ahab fi nnipa a wɔkae nyinaa Yesreel, ne ne nnipa akɛse ne n’amannifo ne n’asɔfo nyinaa kosii sɛ wannyaw no obiara amma wamfi mu.
12Na ɔsɔre siim kɔɔ Samaria; na ɔwɔ nguanhwɛfo dan a wɔsesa mu nguan no ho, ɔkwan mu no,
132 Be 22.8 Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia ne nuanom, na ɔkae sɛ: Henanom ne mo? Na wose: Ahasia ne nuanom ne yɛn, na yɛresan akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmea mma no sɛ wɔn ho te dɛn.
14Na ɔkaa sɛ: Monkyere wɔn anikan! Na wɔkyekyeree wɔn anikan, na wokunkum wɔn nguansesa dan no ho amoa no ho, nnipa aduanan abien, na wannyaw wɔn mu biara.
15 Yer 35.6 Na ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abehyia no; na okyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: So wodɔ me sɛ medɔ wo yi? Na Yehonadab se: Ɛte sa! Na Yehu se: Sɛ ɛte saa a, so me nsam ɛ! Na osoo mu; na ɔma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.
16Na ɔkae sɛ: Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam no mu.
171 Ah 21.21-22 Na oduu Samaria no, okum nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kosii sɛ ɔsɛee wɔn, sɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.
Yehu sɛe Baal18 1 Ah 16.31-33 Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab som Baal kakraa bi, Yehu de, ɔbɛsom no bebree.
19Na afei, Baal adiyifo nyinaa, ne n’asomfo nyinaa ne n’asɔfo nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔre kɛse mebɔ mema Baal; obiara a ɔbɛka no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no anitew mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfo.
20Na Yehu kae sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.
21Na Yehu soma kokyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, anka obiara. Na wɔbaa Baal fi, na Baal fi yɛɛ ma fi ano kɔpem ano.
22Na ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ ntade dan so no sɛ: Yiyi ntade brɛ Baal nkoa no nyinaa. Na okoyii ntade no de brɛɛ wɔn.
232 Ah 10.15 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fi, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompɛɛpɛe mu nhu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.
241 Ah 20.39 Na wɔkɔɔ mu sɛ wɔrekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre.
Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adiwo sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara fi mu kɔ a, nea ɔma ɔkɔe no kra besi ne kra ananmu.
251 Ah 18.40 Na owiee ɔhyew afɔre no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo ne akunini no sɛ: Monkɔ nkokunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na ammirikatufo ne akunini no de nkrante kunkum wɔn totow wɔn gui.
262 Ah 11.18 Na wɔkɔɔ Baal fi ban no mu, na woyii Baal fi adum abien no, na wɔhyewee;
272 Ah 3.2 na woburuw Baal dum no gui, na woburuw Baal fi no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de besi nnɛ.
28Sɛɛ na Yehu sɛee Baal fii Israel.
291 Ah 12.26-33 Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi de, Yehu amfi, ɛne sika nantwi mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.
302 Ah 15.12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Esiane sɛ woayɛ yiye, sɛ woayɛ nea ɛteɛ m’ani so, na woayɛ Ahab fi sɛnea ɛwɔ me koma mu nyinaa nti: Wo mma a wɔbɛto so anan no bɛtena Israel agua so.
31Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so: Wamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
32 2 Ah 8.12 Nna no mu na AWURADE fii ase twitwaa Israel so, na Hasael kunkum wɔn Israel ahye nyinaa so,
33efi Yordan owiapuei, Gilead asase nyinaa, Gadfo ne Rubenfo ne Manasefo de, fi Aroer a ɛwɔ Arnon subon ano, ne Gilead ne Basan.
34Na Yehu ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?
352 Ah 13.1 Na Yehu wui, na wosiee no Samaria; na ne ba Yehoahas bedii n’ade.
36Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no si mfirihyia aduonu awotwe.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.