Eksodɔs 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atɛntrenee ne pɛrepɛreyɛ

1 Eks 20.16 Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse.

2Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani.

3 Lew 19.15 Na ohiani nso, nhwɛ n'anim wɔ n'asɛm mu.

4Luka 6.27 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwi anaa n'afurum sɛ wafom kwan a, fa no san brɛ no.

5Sɛ wuhu nea okyi wo afurum sɛ ɔhyɛ n'adesoa ase a, hwɛ yiye na woannyaw no amma no, ɔsan na wo ne no nsan no.

6Deut 27.19 Nnan wo hiani asɛm ani wɔ atemmu mu.

7Twe wo ho fi atosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum nea ɔnyɛɛ bɔne bi ne ɔtreneeni, efisɛ meremmu ɔbɔnefo bem.

8Deut 16.19; 27.25 Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm.

9Eks 22.20 Na nhyɛ ɔhɔho so, na mo ara munim ɔhɔho kra, efisɛ mo nso moayɛ ahɔho Misraim asase so pɛn.

10 Lew 25; Deut 15.1-11 Mfe asia na dua w'asase so aduan, na boaboa nnɔbae no ano sie;

11na nea ɛto so ason no so de, ma ɛnhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafo nni, na nea wobegyaw no, wuram mmoadoma mmedi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.

12 Eks 20.8-11 Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.

13 Yos 23.7 Nea maka mo nyinaa, munni so. Na anyame foforo din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anom.

Afahyɛ akɛse horow abiɛsa no(Eksodɔs 34.18-26; Deuteronomium 16.1-17)

14 Eks 34.18, 26; Lew 23; Deut 16 Mpɛn abiɛsa na hyɛ fa ma me afirihyia mu.

15Eks 12.15 Di apiti nnapa no. Nnansɔn na di apiti, sɛnea mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo mu bere a wɔahyɛ no, efisɛ ɛno mu na wufii Misraim bae; nso obi mmfa nsapan mmmepue m'anim;

16ne otwa nnapa no, w'ade a wuduae w'afum no mu aba a edi kan de no; ne anoboa nnapa no, afe awiei a woaboaboa w'adwumade ano afi mfuw mu no.

17Wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyakopɔn anim mpɛn abiɛsa afirihyia.

18 Eks 12.10 Mfa m'afɔre mogya mmɔ afɔre ngu mmɔkaw so, na mma ade nnkye m'afahyɛ mu srade so.

19Deut 26.1-11; Eks 22.29; Deut 14.21 W'asase so aba a edi kan mu adekan, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.

Bɔhyɛ ne Nhyehyɛe ahorow

20 Eks 14.19 Hwɛ, meresoma ɔbɔfo adi w'anim akɔhwɛ wo ɔkwan mu, na ɔde wo akodu nea masiesie hɔ no.

21Yes 63.9-10 Hwɛ wo ho yiye wɔ n'anim, na tie ne nne; nnwen nhyɛ no, na ɔremfa mo mmarato mfiri mo, efisɛ me din wɔ no mu.

22Na sɛ wutie ne nne ampa na woyɛ nea meka nyinaa a, ɛnne mɛyɛ w'atamfo tamfo na mahiahia w'ahohiafo ho.

23Na me bɔfo no bedi w'anim de wo akodu Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hewifo ne Yebusifo so, na matu wɔn magu.

24Eks 20.5; Lew 18.3 Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛe nso, na ka wɔn gu korakora, na bubu wɔn adum.

25Eks 15.26 Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu.

26Worenhu nea ɔpɔn anaa obonin wɔ w'asase so; wo nna dodow no mɛma adu.

27Mɛma me ho hu adi w'anim, na mama aman a wobɛkɔ wɔn so no nyinaa agyigya, na mama w'atamfo nyinaa adan wɔn akyi akyerɛ wo.

28Deut 1.44; 7.20; Yos 24.12 Na mɛsoma nkotokurodu adi w'anim, na wɔapam Hewifo ne Kanaanfo ne Hetifo no wɔ w'anim.

29Merempam wɔn w'anim afe koro, na asase no annan amamfo, na wuram mmoadoma ammɛdɔɔso anhyɛ wo;

30nkakrankakra na mɛpam wɔn w'anim akosi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no.

31Gye 15.18 Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim.

32Eks 34.12; Deut 7.2 Wo ne wɔn ne wɔn anyame mmpam.

33Ate 2.3 Mma wɔnntena w'asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo afiri.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help