Ester NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUNea wɔka ho asɛm wɔ Ester nhoma no mu no sisii wɔ Persiahene ahemfi a wɔasi ama awɔw bere no mu. Onipa a emu nsɛm no gyina ne so ne Yudani bea kokodurufo bi a wɔfrɛ no Ester. Ɔnam n’akokoduru ne ɔdɔ kɛse a ɔnya maa ne nkurɔfo no so gyee wɔn fii tɔre a anka wɔn atamfo pɛe sɛ wɔtɔre wɔn ase no mu. Nhoma no kyerɛ sɛnea ɛyɛe a Yudafo afahyɛ a wɔfrɛ no Purim no bae ne bo a ɛsom ma wɔn.EMU NSƐMEster bɛyɛɛ ɔhemmea 1.1—2.23Haman pɔw bɔne a ɔbɔe 3.1—5.14Wokum Haman 6.1—7.10Yudafo no di wɔn atamfo so nkunim 8.1—10.3