Daniel 7 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahemman anan ho adehu

1 Dan 5.1 Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.Dan 2

2Adi 17.15 Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.

3Adi 13.1-2 Na mmoa akɛse anan pue fii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi.

4Dan 4.34 Nea odi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔre ntaban; mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa anan abien so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.

5Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!

6Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.

7Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.

8Dan 11.36 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.

9 Nnw 90.2 Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram;

10Nnw 68.17; Adi 5.11 ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.

11Adi 19.20 Mede hwɛ ara, ɛno na nsɛm akɛse a abɛn no kekae nti, mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefram no.

12Dan 2.21 Na mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu.

13Luka 21.27 Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.

14Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.

15Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.

16Dan 7.10 Mitwiw mebɛn wɔn a wogyina hɔ no mu biako, na mibisaa no eyi nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔma mihuu nneɛma no nkyerɛase.

17Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.

18Dan 7.22 Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.

19 Dan 7.7 Ɛnna mepɛe sɛ mihu aboa a ɔto so anan a ɛsono ɔno ne wɔn nyinaa a ne ho yɛ hu boro so a ne se yɛ dade na n’awerɛw yɛ kɔbere a odidi bubu bi mu de ne nan pɛtɛw nkae no ho asɛm no ase,

20ne ne ti so mmɛn du ne foforo a epuei no a abiɛsa tutui wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse, na wohwɛ a, ɔso sen ne mfɛfo no de;

21Adi 13.7 mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefo dii ako, na etumii wɔn,

22kosii sɛ nea ne nna akyɛ no bae, na wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni no mu no dui.

23Ɔkae sɛ: Aboa a ɔto so anan no

bɛyɛ ahenni a ɛto so anan, asase so,

a ɛbɛsono ɔno, ahenni nyinaa mu,

na ɛbɛmene asase nyinaa

atiatia so abubu no asinasin.

24 Adi 17.12 Na mmɛn du no,

ahenni no ara mu na ahene du bɛsɔre,

na wɔn akyi no ɔfoforo bi bɛsɔre.

Na ɛbɛsono ɔno ne kanfo no,

na ɔbɛbrɛ ahene baasa ase.

25 Adi 13.5-6; Dan 12.7 Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no,

na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo,

na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara,

na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.

26Na wɔbɛtena ase abu atɛn,

na wɔagye ne nsam tumi asɛe no

ama ayera akosi ase na asɛe koraa;

27na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni

ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man;

n’ahenni yɛ daa ahenni,

na tumi nyinaa bɛsom no atie no.

28Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help