1 Nnw 14.7 Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no,
yɛyɛe sɛ adaesofo.
2Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,
na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.
Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ:
AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn.
3Yiw AWURADE ayɛ ade kɛse ama yɛn,
yɛn ani agye.
4AWURADE, fa yɛn fi nnommum san bra
sɛ anafo fam asase so asuten.
5 Mat 5.4 Wɔn a wɔde nusu gu
de ahurusi betwa.
6 Yes 35.10 Sɛ mpo wɔde nusu kura aba a wogu no a,
wɔde ahurusi bekura no afiafi aba.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
