Yesaia 44 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn honhom hwiegu

1 Yes 41.8 Na afei tie, m’akoa Yakob

ne Israel a mapaw wo.

2 Deut 32.15; 33.5, 26 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ wo,

na ɔnwenee wo fii yafunum

na ɔboa wo no se ni:

Nsuro, m’akoa Yakob,

ne Yesurun a mapaw wo.

3 Yes 32.15; Yoel 2.28 Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so,

ne nsuwansuwa magu asase kesee so;

mehwie me honhom magu w’asefo so,

ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,

4na wɔafefɛw sɛ sare a ɛwɔ nsu mu

sɛ asukɔn so nnuaa, nsuten so.

5Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea,

na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho;

na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho

sɛ ɔyɛ AWURADE dea,

na ɔde Israel din ato ne ho.

Abosonsom yɛ nkwaseasɛm

6 Yes 41.4; 43.11 Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo,

asafo AWURADE se ni:

Mene odikanfo na mene okyiridifo,

na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.

7 Yes 41.22 Hena na ɔte sɛ me?

Ma ɔnka ɛ! Ma ɔmpae mu nka,

mfa nsi m’anim.

Hena na ofi tete nteredee kyerɛɛ ɔman a

mede mesi hɔ daa ne nneɛma a ɛbɛba no?

Ma wɔnkyerɛ yɛn nea ɛbɛba no.

8Mommma mo bo nntu,

na munnsuro! Ɛno emfi tete bemee

na mema wɔtee na mekae?

Na mone m’adansefo.

So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko?

Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi.

9Ahonidwumfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu.

10Yes 45.16; Yer 10.3-16; Nnw 115.4-8 Hena na ɔnwenee onyame bi na oguu ohoni bi a ɛho nni mfaso?

11Yes 42.17 Hwɛ, ne mpamfo nyinaa ani bewu, na adwumfo no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.

12 Yes 40.18-20 Ɔtomfo sew n’adwinnade yɛ ogya mu adwuma na ɔde asae bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ɛho adwuma; odi kɔm nso a, ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsu a, ɔtɔ piti.

13Duadwumfo yere hama mu, ɔde pɛnsere sensan ho, ɔde adwinnade yɛ, na ɔde kompase sensan ho, na ɔyɛ no ɔbarima sɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɔdan mu.

14Obi kɔtow kyeneduru, anaa ɔpaw duabo anaa odum, wɔ kwae mu nnua mu ma enyin ma no; ɔtɛw osennuru, na osu ma enyin;

15na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to abodoo; ebi po ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sen ohoni kotow no.

16Ɔde gya hyew fa, na ɔfa nso so na odi nam, ɔkyew so nam di mee; ɔto nso, na ose: Wiɛ, me ho ayɛ me hyew, mahu ogya.

17Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo!

18Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase;

19na obiara nnwen ho, na nimdeɛ bi nni hɔ, na nhumu bi nni hɔ na waka sɛ: Mahyew ɔfa ogya mu, na mato ne nsramma so abodoo, na makyew nam madi; na nkae no, memfa menyɛ akyide? Dua sin na menkotow no anaa?

20Nso na odi: Wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi?

Israel, mma wo werɛ mmfi me!

21 Yes 41.8; 44.2 Kae eyinom, Yakob ne Israel,

na m’akoa ne wo;

me na menwenee wo,

woyɛ m’akoa, Israel.

Me werɛ remfi wo.

22 Yes 1.18; 43.25 Mapopa wo mmarato sɛ omununkum,

ne wo bɔne sɛ suwusiw.

San bra me nkyɛn, na magye wo.

23 Yes 49.13; 55.12; Nnw 96.11 Ɔsoro, monto anigye dwom,

na AWURADE na wayɛ;

asase ase ase noho, mommɔ ose,

mompaepae ahurusi dwom mu,

mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa.

Na AWURADE agye Yakob, na

wahyɛ ne ho anuonyam, Israel mu.

Onyankopɔn nhyehyɛe no

24Sɛnea AWURADE, wo dimafo

ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni:

Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa,

nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara,

nea ɔtrɛw asase mu no,

na obi nka me ho;

25 Yes 29.14 nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa,

na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam;

nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri,

na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;

26nea ɔma n’akoa asɛm gyina,

na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu;

nea ɔka Yerusalem ho sɛ:

Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ:

Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.

27 Eks 14.21; Yos 3.9-17 Nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow,

na mɛma wo nsuten ayoyow.

28 Yes 45.1; Esra 1.1-3 Nea ɔka Kores ho sɛ:

Me guanhwɛfo ni,

na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu,

na waka Yerusalem ho sɛ:

Wɔnkyekye! Na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help