Yeremia 52 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔfa Yerusalem

1 Yer 39.1-10; 2 Ah 24.18; 25.21; 2 Be 36.11-21 Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem; na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna ba.

2Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no nyinaa.

3Na AWURADE abufuw nti na ɛbae saa, Yerusalem ne Yuda, de kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui.

Na Sedekia tew Babel hene anim atua.

4Na n’ahenni afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du, da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar, ɔno ne n’asraafo dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpempe hyiae.

5Na kurow no dii kamu kosii ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu.

6Ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron no, ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no.

7Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu, na mmarima akofo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo faa ɔponkɛse mu, afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafo atwa kurow no ho ahyia, na wɔfaa Yordan tataw kwan so kɔe.

8Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw no so, na n’asraafo dɔm nyinaa fii ne ho petee.

9Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn.

10Na Babel hene kum Sedekia mmammarima n’anim, na okunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla.

11Yer 32.5 Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfo dan mu kosii ne wuda.

12Na ɔsram a ɛto so anum, da a ɛto so du a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a ɛto so dunkron no mu na ankɔbeahene Nebusaradan a ogyina Babel hene anim no baa Yerusalem,

13na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, afi akɛse nyinaa, ɔde ogya hyewee.

14Na Kaldeafo asraafo dɔm a wɔne ankɔbeahene no bae no nyinaa buruw Yerusalem afasu no nyinaa hyiae.

15Na ɔman no mu ahiafo no mu bi, ne nkurɔfo no nkae a wɔkae kurow no mu no, ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, ne asafo yuu no nkae no, na ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.

16Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw asase no so ahiafo no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfo ne akuafo.

17Yer 27.19-22 Na kɔbere adum a ɛwowɔ AWURADE fi ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere no nyinaa kɔɔ Babel.

18Na nseaa ne sesaw ade ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae,

19na nyaawa ne nso kukuwa ne nkora ne nseaa ne kanea nnua ne nsankawa ne nkuruwa no, nea ɛyɛ sika no sika ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.

201 Ah 7.15-47 Adum abien no, ɛpo biako no, kɔbere anantwi dumien a ɛwɔ ase no, nsugye nnaka a ɔhene Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔantumi ankari.

21Adum no, biako korɔn si basafa akron, na basafa asia hama twa ho hyia, na emu pipripi yɛ nsatea anan, na ɔkwan da mu.

22Na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na oduntiri no korɔn yɛ basafa abien ne fa, na ntontan ne atea aba wowɔ oduntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere, na odum a ɛto so abien no ho wɔ ɛno ara bi ne atea aba.

23Na atea aba a ɛsensɛn mframa ano no si aduakron asia, na atea aba a ɛwowɔ ntontan no ho hyia no nyinaa si ɔha.

24 1 Be 6.14 Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfo titiriw Seraia ne ɔsɔfo a odi so Sefania ne aponanohwɛfo baasa,

25na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baasɔn a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no kyerɛwfo ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wohuu wɔn kurow no mu no,

26na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla.

27Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkum wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so. Saa na wotuu Yuda fii n’asase so kɔe.

28 2 Ah 24.11-16 Eyi ne ɔman a Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no: Afe a ɛto so ason no mu no, Yudafo mpensa aduonu abiɛsa;

29Nebukadnesar afe a ɛto so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa abien;

30Nebukadnesar afe a ɛto so aduonu abiɛsa no mu no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafo ahansɔn aduanan anum kɔe: Nnipa no nyinaa si mpemnan ahansia.

Wɔdɔm ɔhene Yehoiakin

31 2 Ah 25.27-30 Na Yuda hene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so aduasa ason so, ɔsram a ɛto so dumien, da a ɛto so aduonu anum no, Babel hene Ewil-merodak, afe a obedii mu hene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so, na oyii no fii nneduafo dan mu,

32na ɔne no kasaa ɔkasa pa, na ɔmaa n’agua kyɛn ahene a wɔne no wɔ Babel no agua.

33Na ɔma oyii ne duam nna ntade no, na odidii n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa.

34Na nea wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa de kosii ne wuda.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help