Eksodɔs 31 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔpaw Besalel ne Oholiab si ntamadan(Eksodɔs 35.30—36.1)

1 Eks 35.30-35 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu din mafrɛ no,

31 Ah 7.14 na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu,

4sɛ ɔmfa nnwen ho ne tirim na onni sika ne dwetɛ ne kɔbere,

5ne abo a wosen sisi ade mu ne nnuasen mu adwinni, na onni adwinhorow nyinaa.

6Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa;

7Eks 35.11-19 ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no ne mpata agua no a esi so no ne ntamadan no ho ade nyinaa,

8ne ɔpon no ne ɛho nneɛma ne kaneadua a ɛho tew no ne ɛho nneɛma nyinaa ne aduhuamhyew muka no,

9ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn ne ne ntaase no,

10ne ɔsom ntade ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no,

11ne ɔsra ngo no ne kronkronbea aduhuam a wɔhyew no. Wɔnyɛ no sɛnea mahyɛ wo nyinaa.

Homedadi

12 Eks 35.1-3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

13Eks 20.8 Na wo nso ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Me home nna no ara na munni; na ɛyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, na moahu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.

14Num 15.32-35 Enti munni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a obegu ho fi no, okum na wobekum no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.

15Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, okum na wobekum no.

16Enti Israelfo no nhwɛ homeda no na wonni homeda no, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛ daa apam.

17Gye 2.2 Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma.

18Eks 32.15-16; 34.28; Deut 4.13; 5.22; 9.10; 10.4 Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsatea akyerɛw so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help