Asomafo 26 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim

1Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ:

2Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho,

3ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.

4M’asetena a efi me mmofraase no de, sɛnea efii ase na ɛte me manfo mu wɔ Yerusalem no, Yudafo nyinaa nim.

5

19 Gal 1.16 Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,

20na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.

21 Aso 21.30-31 Eyi nti na Yudafo bɛkyeree me asɔrefi pɛe sɛ wokum me.

22Luka 24.44-47 Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no:

231 Ko 15.20 Sɛ Kristo no behu amane, na wadi awufo sɔre mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufo.

Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni

24Na oyii n’ano saa no, Festo de nne kɛse kae sɛ: Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam.

25Na ose: Memmɔɔ dam ɛ, Onuonyamfo Festo, na meka nokware ne anidahɔ nsɛm.

26Yoh 18.20 Na ɔhene a mede nnam meka asɛm mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na migye midi sɛ eyinom biara nhintaw no, efisɛ wɔanyɛ eyi kokoam.

27Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye di.

28Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode bere kakraa bi ma medan okristoni anaa?

29Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

30Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔree,

31na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wosisee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu anaa ɔkyere.

32Aso 25.11 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdan Kaesare a, anka wobetumi agyaa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help