1Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw,
entwiw, na etim hɔ daa.
2 Nnw 36.6 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia
fi sesɛɛ de kosi daa.
3Na bɔne ahempoma rentena
treneefo asase so,
na treneefo anteɛ wɔn nsa
anso amumɔyɛ mu.
4AWURADE, ma ensi atreneefo no yiye,
ne wɔn a wɔteɛ, wɔn koma mu no.
5 Gal 6.16 Na wɔn a wɔman kɔ wɔn akwan kɔntɔnkye so de,
AWURADE de wɔn bɛfra amumɔyɛfo akɔ.
Asomdwoe mmra Israel so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
