Nehemia 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nnipa a wɔtenaa Yerusalem

1 Neh 7.5 Na ɔman no mmapɔmma no tenaa Yerusalem; na ɔman no nkae bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtena Yerusalem, kurow kronkron no mu, na baakron atenatena nkurow mu.

2Na ɔman no hyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.

3 1 Be 9.2-17; Neh 7.57 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

4Na Yerusalem de, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ofi Peres mma no mu;

5ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.

6Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa si ahanan aduosia awotwe, wɔyɛ mmarima akokodurufo.

7Na Benyamin mma ni: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;

8na n’akyi no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu awotwe.

9Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfo; na Senua ba Yuda di kurow no fa a ɛto so abien no so.

10Asɔfo mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin;

11Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub a ɔyɛ Onyankopɔn fi panyin no ba;

12ne wɔn nuanom a wɔyɛ ofi no mu adwuma no: Ahanwɔtwe aduonu abien; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pashur ba, Malkiya ba,

13ne ne nuanom, agyanom so atitiriw, ahanu aduanan abien; ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba,

14ne wɔn nuanom, mmarima akokodurufo: Ɔha aduonu awotwe; na wɔn so hwɛfo ne Hagedolim ba Sabdiel.

15Lewifo mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba,

16ne Sabetai ne Yosabad, wodi Onyankopɔn fi anihumafo so, wofi Lewifo atitiriw no mu;

17ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitiriw a ofi aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a odi hɔ, ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba:

18Lewifo a wɔwɔ kurow kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe anan.

19Na aponanohwɛfo no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apon ano no: Ɔha aduɔsɔn abien.

20Na Israel nkae no, asɔfo no, Lewifo no wɔ Yuda nkurow mu tete wɔn agyapade so.

21Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel, na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.

22Na Lewifo a wɔte Yerusalem no so hwɛfo ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba; Asaf mma no mu nnwontofo wɔ hɔ ma Onyankopɔn fi adwuma no.

23Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofo no, da biara ne ne de.

24Na Mesesabel ba Petahia a ofi Yuda ba Serah mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho nsɛm nyinaa mu.

25 Yos 20.7; 21.11 Na wɔn adɔsaase so nkuraa no de, Yudafo no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,

26ne Yesua ne Molada, ne Bet-pelet,

27ne Hasar-sual, ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,

28Yos 15.31 ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,

29ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut,

30Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfuwa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenae fi Beer-seba kosii Hinom bon mu.

31Yos 18.22 Na Benyamin mma a wofi Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,

32Anatot, Nob, Anania,

33Hasor, Rama, Gitaim,

34Hadid, Seboim, Nebalat,

35Lod ne Ono, adwumfo bon mu.

36Na Lewifo no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda de no bi fraa Benyamin mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help