1Yesu Kristo, asɛmpa no mfiase.
2Yesu frɛ Asuafo a wɔdi kan(Mateo 4.18-22; Luka 5.1-11)
16Na ɔnenam Galilea po ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asawu ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofo.
17Na Yesu see wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.
18Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no hɔ bedii n’akyi.
19Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakob ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu.
20Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.
Yesu tu honhom fi(Luka 4.31-37)21Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.
22Mat 7.28-29 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.
23Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm
24Mar 5.7; Nnw 16.10 sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.
25Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ!
26Mar 9.26 Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe.
27Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.
28Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.
Yesu sa nkurɔfo pii nyarewa(Mateo 8.14-17; Luka 4.38-41)29Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.
30Na Simon n’asebea da hɔ yare atiridii, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no.
31Na Yesu ba besoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaa no, na ofii ase som wɔn.
32Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.
33Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano.
34Luka 4.41; Aso 16.17-18 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahorow pii yare, na otuu ahonhommɔne bebree, na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, efisɛ wonim no.
Yesu asɛnka wɔ Galilea(Luka 4.42-44)35Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ
36Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tiw no;
37na wohuu no no, wosee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.
38Na osee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkurow a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na eyi nti na mebae.
39Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.
Ɔkwatani bi ayaresa(Mateo 8.2-4; Luka 5.12-16)40Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.
41Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.
42Na ntɛm ara kwata no fii ne ho, na ne ho fii.
43Mar 3.12; 7.36 Na Yesu braa no dennennen sɛ ɔnka, na, ɔma ofii adi ntɛm ara.
44Lew 14.2-32 Na osee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn.
45Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.