1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Nware yere, na nnya mmabanin ne mmabea ɛha yi.
3Na sɛ AWURADE ka mmabanin ne mmabea a wɔwo ha yi, ne wɔn nanom a wɔwo wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi so no ho ni:
4Owuyare bɛbobɔ wɔn ma wɔawuwu, wɔrenyɛ wɔn ayi na wɔrensie wɔn, wɔbɛdannan sumina asase ani, na afoa ne ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ wim nnomaa ne asase so mmoa aduan.
5Na sɛ AWURADE se ni: Nhyɛn ofi a wosu mu mu, na nkɔ ayi ase na nnyam wɔn, efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so, AWURADE asɛm ni, mayi adɔe ne mmɔborohunu.
6Na nnipa akɛse ne nkumaa bewuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayi, na obi remmɔ ne ho akam, obi remmɔ tikwaw mma wɔn,
7na wɔremmubu abodoo mma wɔn, ayi ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufo no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekye kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.
8Nanso nkɔ asanom fi ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom.
9Yer 7.34 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so.
10Na sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛse yi gu yɛn so yi, na dɛn ne yɛn amumɔyɛ anaasɛ dɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no?
11Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,
12Yer 7.24-26 na mo de, mudi asɛmmɔne sen mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo koma bɔne denyɛ akyi a muntie me,
13enti mɛtow mo afi asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim so, na moakɔsom anyame foforo hɔ, awia ne anadwo, efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.
Nkwagye ho nkɔmhyɛ14 Yer 23.7-8 Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii Misraim asase so bae no te ase yi,
15na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii atifi fam asase so ne nsaase a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ nyinaa so no te ase yi. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.
Apofofo ne abɔmmɔfo16Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba, AWURADE asɛm ni, na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba, na wɔakɔtwee wɔn afi mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu.
17Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ.
18Na metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanne ne wɔn akyide afunu ahyɛ m’agyapade no ma.
Nkwagye bere19O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen
ne me guankɔbea ahohia da mu,
wo nkyɛn na amanaman befi
asase anoano aba abɛka sɛ:
Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no,
ahuhude a mfaso nni mu.
20So onipa bɛyɛ anyame
a wɔnyɛ anyame afa?
21Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahu pɛnkoro yi, mɛma wɔahu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahu sɛ me din ne AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.