Hiob 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob srɛ sɛ: Onyankopɔn mma onnyina n’atemmu agua anim

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Ɛnnɛ na me nkɔmmɔdi mu ayɛ den,

na me pira ayɛ den asen m’apinisi.

3O, sɛ anka minya mihu nea mehu no,

na mikodu ne tenabere ɛ!

4Anka mehwie m’asɛm agu n’anim,

na mabisabisa no nsɛm ara yiye.

5Na anka mehu nsɛm a ɔde bebua me,

na mate nea ɔbɛka akyerɛ me.

6So tumi dodo na ɔde ne me bɛham?

Daabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.

7Ɛhɔ na ɔteneneeni ne no beyi ntɛn,

na mafi me temmufo nsam korakora.

8Hwɛ, mekɔ m’anim, nso onni hɔ,

ne m’akyi nso, nso minhu no;

9na ɔyɛ n’ade benkum a, m’ani mmɔ no so,

ɔman nifa a, minhu no.

10 Nnw 17.3; 139.23-24 Na onim kwan a mefa so.

Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.

11Ne nammɔn mu na me nan tintimii dennennen,

mahwɛ ne kwan, na mamman.

12N’anom mmara, mamfi ho,

makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.

13Nso ɔno de, ɔnsakra da,

na hena na ɔbɛsan no?

Na nea ɔpɛ na ɔyɛ.

14Nea wahyɛ ama me na ɔbɛma aba,

na ade a ɛte sɛɛ pii na ɛwɔ ne tirim.

15Enti ehu ka me n’anim,

midwen me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.

16Na Onyankopɔn ama me koma abubu,

na Otumfo no ayi me hu,

17efisɛ manyera esum no mu,

na wakata esum kabii no so m’anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help