Deuteronomium 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Aware ne awaregyae ho mmara

1 Mat 5.31-32; 19.7 Sɛ ɔbarima bi ware yere, na ɛba sɛ onnya n’ani so anuonyam, efisɛ wahu ne ho aniwude bi a, ɛnne ɔnkyerɛw ɔko nhoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na onnya no kwan mfi ne fi.

2Na sɛ ofi ne fi kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,

3na okunu foforo no nso mpɛ no, na ɔkyerɛw ɔko nhoma ma no de hyɛ ne nsa na ogya no kwan fi ne fi, anaasɛ okunu a ɔwaree no akyiri no wu a,

4ɛnne ne kan kunu a ogyaa no kwan no nnsan mmmɛware no bio, ne ho fi gu no akyi, efisɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyide, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so.

5 Deut 20.7 Sɛ ɔbarima bi ware yere foforo a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto no so; na ɔnne ne ho mma ne fi afirihyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye.

6Obi nnnye owiyammo ne ne ba awowa; na onii no regye nkwa awowa.

7 Eks 21.16 Sɛ wohu obi a owia ne nuanom Israelfo mu nipa bi na odi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnne owifo no nwu, na yi bɔne no fi wo mu.

8 Lew 13; 14.12 Hwɛ yiye kwata yare ho, na woahwɛ ayɛ sɛ asɔfo Lewifo no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛnea mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ.

9Deut 12.10-15 Kae nea AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam ɔkwan so, bere a mufi Misraim reba no.

10Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛn ne dan mu nkogye n’awowa;

11adiwo na gyina, na onipa a wofɛm no ade no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adiwo.

12Na sɛ ɔyɛ onipa a odi hia a, mfa n’awowa no nna;

13Eks 22.26 owia kɔtɔ a, dan awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntama nna, na onhyira wo, na ɛnyɛ wo trenee AWURADE wo Nyankopɔn anim.

14 Lew 19.13 Nhyɛ ɔpaani, ɔbrɛfo ne ohiani a ofi wo nuanom anaa ahɔho a wɔwɔ w’asase so, wo nkurow mu no mu so.

15Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaade, na mma owia nnkɔtɔ so, efisɛ odi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.

16 1 Ah 14.6; Hes 18.19-20 Wonnkum agyanom mmpae mma so, na wonnkum mma mmpae agyanom so; onipa ankasa bɔne nti na wonkum no.

17 Eks 22.21-22 Nkyea ɔhɔho anaa ayisaa atɛn, na nnye okunafo atade awowa.

18Deut 16.12 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo fii hɔ; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so.

19 Lew 19.9-10 Sɛ wutwa w’aduan w’afuw mu na wo werɛ fi afi bi afuw mu hɔ a, nsan nkɔfa; na ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu.

20Sɛ woporow wo ngodua a, nsan nkɔtwee so; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de.

21Sɛ wotew wo bobeturo mu aba a, nsan nkodi so mpɛpɛwa; ma ɛnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo de.

22Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help