Sakaria 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yerusalem ahohia ne ne gye

1 Yes 39.6 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE, ama w’asade a wogyee wɔ wo nsa mu no wɔbɛkyɛ mu wɔ wo mfinimfini.

2Sak 12.3 Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu.

3Adi 19.19 Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.

4Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.

5Amos 1.1 Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.

6Na ɛda no, awɔw anaa sukyenee biara remma.

7Mar 13.32 Na ɛbɛyɛ da koro a adesae nni mu, AWURADE na onim, awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummere po na hann wɔ hɔ.

8 Hes 47.1-8 Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba.

9 Nnw 97.1; Adi 11.15 Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako.

10 Yer 31.38 Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho.

11Adi 22.3; Yer 33.16 Na wɔbɛtena mu, na abusude biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo.

12Na eyi bɛyɛ ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: Wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipon mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom.

13Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.

14Na Yuda ne Yerusalem bɛko, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa ade dodow ano, sika ne dwetɛ ne ntama bebree pa.

15Na apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ ne yoma ne mfurum ne mmoa a wɔwɔ nsra no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara.

16 Sak 14.9 Na amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa mu nkae no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahyɛ asese fa no.

17Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osu rentɔ wɔn so;

18na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; na ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn so.

19Eyi na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe.

“Kronkron ma AWURADE”

20 Eks 28.36 Ɛda no wɔbɛkyerɛw apɔnkɔ nnawa so sɛ: KRONKRON MA AWURADE! Na AWURADE fi nkutu no bɛyɛ sɛ afɔremuka no anim nkora no;

21Adi 21.27 na Yerusalem ne Yuda nkutu nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔre nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE no fi bio ɛda no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help