Mateo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUMateo Asɛmpa no, kasa fa asɛmpa no ho sɛ, Yesu ne agyenkwa no, nea wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, a Onyankopɔn nam no so ama ne bɔhyɛ a ɔde maa ne nkurɔfo wɔ Apam Dedaw mu no aba mu. Saa asɛmpa yi nni hɔ mma Yudafo nkutoo, wɔn a anka Yesu fi wɔn mu no, na mmom nnipa nyinaa.Wɔde ahwɛyie na ahyehyɛ Mateo Asɛmpa no. Ɛhyɛ ase fi Yesu awo, ɛkyerɛ n’asubɔ ne ne sɔhwɛ, atoa so ama yɛahu n'asɛnka, ne nkyerɛkyerɛ ne n’ayaresa dwumadi wɔ Galilea. Eyinom akyi no, ɛkyerɛ Yesu akwantu a efi Galilea de kɔɔ Yerusalem ne nsɛm a esisii wɔ nnawɔtwe, a edi akyiri a ewiee no asɛnnua so wu, ne ne wusɔre no.Asɛmpa yi da Yesu adi sɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse, a okura tumi de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn mmara ne n'ahenni no. Ne kyerɛkyerɛ dodow no ara gu akuw ahorow anum:(1) Bepɔw so asɛnka a ɛfa suban, asodi, adom ne ɔsoro ahenni mu nnipa daakye ho (Ti 5-7); (2) Nhyehyɛe a ɔde ama n'asuafo ɛwɔ wɔn asɛnka dwumadi ho (Ti 10); (3) Ɔsoro ahenni ho mmebusɛm (Ti 13); (4) Osuaniyɛ mu ntease (Ti 18); (5) Nkyerɛkyerɛ a ɛfa wiase awiei bere, ne ɔsoro Ahenni a ɛreba no ho (Ti 24-25).EMU NSƐMYesu Kristo awo ntoatoaso ne n'awo 1.1—2.23Osuboni Yohane dwumadi 3.1-12Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ a ɛtoo no 3.13—4.11Yesu abɔnten so asɛnka wɔ Galilea 4.12—18.35Efi Galilea rekɔ Yerusalem 19.1—20.34Yesu bɛn Yerusalem wɔ nnawɔtwe a edi akyiri no mu 21.1—27.66Awurade wusɔre ne n’ahoyi no. 28.1-20