Lewitikɔs 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Akwatafo ahodwira

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Mat 8.4 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wobu no sɛ ne ho atew no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfo no,

3na ɔsɔfo no mfi adi nkɔ nsra no akyi; na sɛ ɔsɔfo no hwɛ, na sɛ kwata ntotowee no asa ɔkwatani no ho a,

4ɔsɔfo no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien animono ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ mma nea wɔbɛtew ne ho no mmra.

5Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonkum nnomaa no mu biako, asanka bi mu, mmasu so.

6Na anomaa nikanfo no de, ɔmfa no ne kyeneduru dua no ne adidi ne adwerɛ no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfo no mmɔ anomaa a wɔakum no mmasu so no mogya mu,

7Lew 16.22 na ɔmfa mpete nea abɛtew ne ho afi ne kwata ho no so mpɛn asɔn, na ɔntew ne ho, na onnyaa anomaa nikanfo no mma ɔnkɔ wuram.

8Deut 8.7 Na nea wɔatew ne ho no nhoro ne ntade na onyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsu nguare na ne ho atew; na ɛno akyi no, ɔmmra nsra no mu, nanso ɔntena ne ntamadan akyi nnansɔn.

9Na da a ɛto so ason no, onyi ne ho nwi nyinaa, ne ti ne ne bogyesɛ ne ne ntɔnka nwi nyinaa na onyi; na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne honam na ne ho atew.

10Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nguanten mma abien a wodi mu, ne oguammaabere biako a wadi afe a odi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma biako mmra.

11Na ɔsɔfo a ɔtew ne ho no mfa ɔbarima a wɔretew ne ho no ne nneɛma no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.

12Na ɔsɔfo no mfa nguanten no mu biako mmra, sɛ asodi ho afɔre, ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim;

13Lew 7.7 na onkum oguanten ba no nea wokum bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre hɔ, nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ asodi ho afɔre no nso yɛ asɔfo no dea, te sɛ bɔne ho afɔre, ɛyɛ akronkronne mu adekronkron.

14Lew 8.23 Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano.

15Na ɔsɔfo no mfa ngo toaa no mu bi nhwie ngu n'ankasa ne nsa benkum mu;

16Lew 4.6, 17 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsatea nka ngo no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim;

17na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfo no mfa bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, asodi ho afɔre mogya no so;

18na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no, onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim.

19Na ɔsɔfo no mmɔ bɔne ho afɔre no, na ɔmpata mma nea wɔretew ne ho afi ne ho fi mu no; na ɛno akyi no, onkum ɔhyew afɔre aboa no;

20na ɔsɔfo no nhyew ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no afɔremuka no so, na ɔsɔfo no mpata mma no na ne ho atew.

21Na sɛ odi hia na ne nsa anso eyinom so a, ɛnne ɔmfa oguanten ba biako mmɛyɛ asodi ho afɔre nyɛ ohim afɔre mfa mpata mma no, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw, ne ngo toaa ma,

22Lew 5.7 ne nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien a ne nsa bɛso so; biako nyɛ bɔne ho afɔre na biako nyɛ ɔhyew afɔre;

23na n'ahodwira da a ɛto so awotwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim.

24Na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre guanten ba no ne ngo toaa ma no, na onhim no ohim afɔre, AWURADE anim.

25Na onkum asodi ho afɔre guanten ba no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre mogya no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano;

26na ɔsɔfo no mfa ngo no ngu n'ankasa ne nsa benkum mu,

27na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim;

28na ɔsɔfo no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka nea wɔretew ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano, nea asodi ho afɔre no mogya no wɔ no;

29na ngo a ɛbɛka ɔsɔfo no nsam no onhwie ngu nea wɔretew ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim.

30Na ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso so no mu biako,

31ade a ne nsa bɛso so no mu biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre mpae aduan afɔre no so, na ɔsɔfo no mpata mma nea wɔretew ne ho no, AWURADE anim.

32Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea kwata atotow no a ne nsa nso n'ahodwira ade so no.

Adan a wɔagu ho fi

33Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

34Sɛ mudu Kanaan asase a mede merema mo sɛ munni so no so, na sɛ mede kwata ntotowee metoto mo dibea asase no so fi bi ho a,

35Lew 13.2 ɛnne ofi no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfo no sɛ ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotowee wɔ me fi ho.

36Na ɔsɔfo no nhyɛ mma wonyi ofi no mu nneɛma mfi adi ansa na ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ntotowee no, na ofi no mu nneɛma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyi no ɔsɔfo no nhyɛn mu nkɔhwɛ ofi no.

37Lew 13.3 Na ɔsɔfo no hwɛ ntotowee no, na sɛ ntotowee no wɔ ofi no fasu ho, nkekae apopobibiri anaa akɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asen ɔfasu no a,

38ɔsɔfo no mfi ofi no mu mmra ɔpon ano, na ɔnto ofi no mu nnansɔn.

39Na sɛ ɛda a ɛto so ason no, ɔsɔfo no san ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no fasu ho a,

40ɔsɔfo no mma wontutu abo a ntotowee no wɔ mu no ntow ngu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew;

41na wɔnwerɛwerɛw ofi no mu nhyia, na wɔmfa dɔte a wɔwerɛwee no nkogu kurow no akyi nea ɛhɔ ntew.

42Na wɔmfa abo foforo nhyehyɛ abo no ananmu, na wɔmfa dɔte foforo mma ofi no ho.

43Na sɛ abo no tutu ne ofi no ho wewerɛw ne ɛho ma akyi no ntotowee no san bepue ofi no mu,

44na ɔsɔfo no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotowee no ayerɛw ofi no mu a, ɛyɛ ofi no mu kwata a ɛsɛe ade; ɛho ntew.

45Enti onnwiriw ofi no ngu fam, n'abo ne ne mpuran ne ofi no ho dɔte nyinaa, na ɔnsesaw mfi adi nkɔ kurow no akyi nkogu nea ɛhɔ ntew.

46Lew 11.24 Na nea ɔbɛkɔ ofi no mu nna a wɔato mu nyinaa mu no, ne ho ntew kosi anwummere,

47na nea ɔda ofie hɔ no nhoro ne ntade, na nea odidi ofie hɔ no nhoro ne ntade.

48Na sɛ ofi no ho ma akyi ɔsɔfo no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotowee no nyerɛwee ofi no mu a, ɛnne ɔsɔfo no mmu ofi no sɛ ɛho tew, efisɛ ntotowee no asa.

49Na ɔmfa nnomaa abien ne kyeneduru dua ne adidi ne adwerɛ nnwira ofi no.

50Lew 14.5-6 Na onkum nnomaa no mu biako asanka mu, mmasu so,

51na ɔmfa kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔakum no no mogya ne mmasu no mu, na ɔmfa mpete ofi no ho mpɛn asɔn,

52na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasu ne anomaa animono no ne kyeneduru dua ne adwerɛ ne adidi no nnwira ofi no,

53Lew 14.7 na onnyaa anomaa animono no kurow no akyi mma ɔnkɔ wuram, na ɔmpata mma ofi no, na ɛho atew.

54Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotowee nyinaa ne ntutui,

55ne ntama ne ofi ho kwata,

56ne ɔsoa ne ntwintwamee ne atape,

57sɛ nkyerɛkyerɛ bere a ade ho ntew ne bere a ɛho tew mu; eyi ne kwata ho mmara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help