Yesaia 29 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yerusalem huyi ne ne nkwagye

1 Yes 29.7-8 Due, Ariel, Ariel,

kurow a Dawid bɛtenaa mu no!

Momfa afe nka afe ho,

momma afahyɛ ntwa nhyia.

2Na mɛma Ariel ho akyere no,

na nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ aba,

na Yerusalem adan me sɛ Ariel a ase ne: Onyankopɔn muka.

3 Luka 19.43 Na mɛbɔ wo ho nsra mahyia,

na mede srafo matwa wo ho dantaban,

na mahɔre wo ho mpempe mahyɛ wo.

4Na wobɛhwe ase,

ɛfam na wufi bɛkasa, mfutuma mu na w’asɛm befi ayɛ huhuhuhu;

wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman de afi fam,

na mfutuma mu na w’asɛm asutu befi.

5Na w’atamfo bebrebe no

bɛyɛ sɛ mfutuma fekɔfekɔ,

na atirimmɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛwa a ɛsen kɔ,

na ɛbɛba mpofirim, afrɛso.

6 Yes 30.30 Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo,

ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse,

kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.

7Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa,

wɔn a wɔtoa no ne n’aban hiahia ne ho no nyinaa,

bɛyɛ sɛ ɔdae, anadwo adehu.

8Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɔkɔm de no so dae, na hwɛ, ɔredidi,

na onyan a, ɔkɔm da so de no,

anaasɛ, nea osukɔm de no so dae,

na hwɛ ɔrenom nsu, na onyan a, na watɔ piti, na osukɔm da so de no,

saa ara na amanaman bebrebe

a wɔabetu Sion bepɔw so sa no nyinaa bɛyɛ.

Ɔman no anifurae

9Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiriw mo,

monkeka mo ani mfomfam na mo ani mfura.

Bow, nso ɛnyɛ nsa;

Tɔ ntintan, nso emfi mpahyewa,

10 Yes 6.10; 19.14; Rom 11.8 na AWURADE de nnahɔɔ

honhom agu mo so,

na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no,

na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so.

11Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano.

12Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma.

13 Yes 1.15; 58.2-3; Mat 15.8-9 Na Awurade se:

Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me

na wɔde wɔn anofafa na edi me ni,

na wɔn koma ne me ntam pan,

na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,

14 Yes 44.25; 1 Ko 1.19 hwɛ, mɛkɔ so

me ne ɔman yi adi anwonwasɛm

ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw,

na wɔn anyansafo nyansa ayera,

na wɔn nhumufo nhumu atu.

15 Nnw 10.11 Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw AWURADE fee,

na wɔn nneyɛe wɔ esum mu,

na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn anaa hena na onim yɛn?

16 Yes 45.9 Musi nneɛma ti ase!

So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte,

na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ:

Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me,

anaa annwene aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ:

Onnim de!?

Nsakrae a ɛyɛ nwonwa

17 Yes 32.15 So ɛnyɛ kakraa bi

na aka na Lebanon adan nnuaba turo,

na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae?

18 Yes 35.5 Ɛda no, asotifo bɛte

nhoma mmobɔe no mu nsɛm,

na anifuraefo aniwa

afi kusuu ne sum mu ahu ade;

19na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo,

na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;

20na otirimmɔdenfo nni hɔ bio

na ahiiyifo asa,

na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene,

21 Amos 5.10 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano,

na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri,

na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.

22Enti sɛ AWURADE a ogyee Abraham no ka kyerɛ Yakob fi ni:

Afei Yakob ani renwu bio,

na afei aniwu remma n’anim ntu fitaa bio.

23Na sɛ ohu ne mma,

ne me nsa ano adwuma wɔ wɔn mu a,

wɔbɛma me din ayɛ kronkron,

na wɔatew Yakob kronkronni no ho,

na wɔafɛre Israel Nyankopɔn no.

24Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu benya ntease,

na anwiinwiifo nso ani begye kyerɛkyerɛ ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help