2 Berɛsosɛm 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atamfo ba

1Na ɛno akyi no, Moabfo ne Amonfo ne Maonfo no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.

2Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Dɔm kɛse bi fi po no agya fi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasasɔn-tamar.

3Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu.

42 Be 15.9-15 Na Yuda boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ ade. Nso Yuda nkurow nyinaa mu na wofi bae bɛhwehwɛɛ AWURADE.

5Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem bagua no mu AWURADE fi abangua foforo no anim,

61 Be 29.12; 2 Be 14.11 na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim.

7So ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wutuu asase yi sofo fii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefo de rekosi daa no?

8Na wɔtenaa so, na wosii wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ:

92 Be 6.28-30 Sɛ bɔne bi, afoa, atemmu anaa ɔyaredɔm sɛ ɔkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abegyina ofi yi anim ne w’anim, efisɛ wo din wɔ ofi yi mu, na yɛafi yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.

10Deut 2.4-5, 9, 19 Na afei, hwɛ, Amonfo ne Moab ne Seir bepɔw a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn so, bere a wofi Misraim asase so reba no, na mmom wɔdan fii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,

11hwɛ, nea wɔde retua yɛn so ka ne sɛ wɔaba rebetu yɛn afi w’agyapade a wɔde maa yɛn sɛ yenni so no so.

12Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.

Yehosafat mpaebɔ tie

13Na Yuda nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.

14Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ofi Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa no so bagua no mu,

15Eks 14.14 na ɔkae sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfo ne ɔhene Yehosafat, muntie! Sɛ AWURADE se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.

16Ɔkyena munsian nkɔ wɔn so; hwɛ, wɔreforo Sis aforoe reba, na mobɛkɔ akɔto wɔn obon no awiei, Yeruel sare anim.

17Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na AWURADE bedi mo akyi.

18Ɛnna Yehosafat kotowee de n’anim butuw fam, na Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.

19Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ.

20Yes 28.16 Na wɔsɔree anɔpatutu, na wofii adi kɔɔ Tekoa sare so; na wɔrefi adi no, Yehosafat gyinae na ɔkae sɛ: Yuda ne Yerusalemfo, muntie me. Munnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mubetim, na munnye n’adiyifo no nni, na mubedi yiye.

21Nnw 106.1 Na ɔne ɔman no tuu agyina, na oyiyii nnwontofo a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefi adi no, wodii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkae sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.

22Na ɛbere a wɔrefi dwonto ne ayeyi ase no, AWURADE maa atɛwfo baa Amonfo, Moab ne Seir bepɔw sofo a wɔbaa Yuda so no so, na wɔkaa wɔn gui.

23 1 Sa 14.20 Na Amon ne Moabfo no sɔre hyɛɛ Seir bepɔw sofo no sɛee wɔn pasaa. Na wowiee Seirfo no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkum sɛe wɔn ho wɔn ho.

24Na Yuda duu ahwɛe a ɛkyerɛ sare so na wɔdan wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛse no, na hwɛ, wɔn afunu na egugu fam, na obi amfi mu.

25Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔe kɔfom wɔn asade no, na wohuu wɔn mu ahode ne ntade ne nnwinne a ɛyɛ fɛ pii pa, na wɔtase fae a wontumi nsoa, na wɔde asade no fom ara nnansa, efisɛ ɛdɔɔso bebree.

26Na da a ɛto so anan no, wɔboaboaa wɔn ho ano nhyira bon no mu, efisɛ ɛhɔ no wohyira AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Nhyira-bon” de besi nnɛ.

27Na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigye san baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfo ho.

28Na wokurakura mmɛnta asanku ne asankuten ne ntorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛn AWURADE fi.

29Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfo ako no, Onyankopɔn ho hu kaa nsaase so ahenni nyinaa.

302 Be 15.15 Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.

Yehosafat ne Ahasia ntam apam(1 Ahene 22.41-50)

31Na Yehosafat dii Yuda so hene: Obedii hene no, na wadi mfe aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba.

32Na ɔnantew n’agya Asa kwan so, na wamman amfi so, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so.

33Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn koma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34Na Yehosafat ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahene nhoma mu no mu.

35 1 Ah 22.51-53 Na ɛno akyi no, Yuda hene Yehosafat ne Israel hene Ahasia a odii nsɛmmɔne no pamee.

36Na ɔne no pamee sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpompam ahyɛn no Esion-geber.

37Na Dodawahu a ofi Maresa ba Eliesa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help