Ester 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔsi Ester ɔhemmea

1Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no.

2Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kae sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene,

3na ɔhene nsisi ahwɛfo n’ahenni nsase nyinaa so, na wonhyiahyia mmaabun a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susan aban mu, mmea fi, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmea so no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.

4Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ sa.

5 1 Sa 14.51 Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

62 Ah 24.15-16 a wotuu no fii Yerusalem ne nnommum a wotuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no mu biako.

7Est 2.15 Na ɔno na ɔtetew n’agya ne nua ba Hadasa a ɔne Ester, efisɛ na onni agya ne ɛna; na ababaa no nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso tew. Na n’agya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

8Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wohyiahyiaa mmabaa pii baa Susan ahenkurow a ɛhyɛ Hegai ase no mu, na wɔde Ester nso baa ɔhene fi de no bɛhyɛɛ mmea no hwɛfo Hegai nsa.

9Na ababaa no sɔɔ n’ani, na onyaa n’anim anuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuan maa no, na ɔde mmabaa baasɔn a wɔyii wɔn fii ɔhene fi maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye wɔ mmea no fi.

10Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua ɛ, efisɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ.

11Na da biara Mordekai kɔpase mmea fi no abangua no anim, na wahu sɛ Ester te yiye ne nea wɔde no bɛyɛ.

12Na edu mmabaa no biara so a, ɔkɔ ɔhene Ahas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛ mmea no ahosiesie mmara te, kosii sɛ asram dumien dui ansa. Na sɛnea wɔn sra nna dodow te no, wɔde kurobow bɔɔ no asram asia, na wɔde nnuhuam ne mmea nku sraa no asram asia nso.

13Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ no sɛ ɔde fi mmea fi hɔ akɔ ɔhene fi no, wɔde ma no.

14Anadwofa na ɔkɔ, na anɔpa na ɔsan kɔ mmea fi a ɛto so abien, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafo so ase no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

15Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.

16Na wɔde Ester kɔɔ ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfi, ɔsram a ɛto so du a ɛne ɔsram Tebet no so, n’ahenni afe a ɛto so ason no mu.

17Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.

18Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene.

Mordekai yi atirisopam bi adi

19Na wohyiahyiaa mmabaa no ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu.

20Est 2.10 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛnea Mordekai hyɛɛ no no; efisɛ Ester di Mordekai asɛm so sɛ bere a ɔhwɛ no so no.

21Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛse no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wofi wɔn a wɔwɛn ɔpon ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛe sɛ anka wokum ɔhene Akas-weros.

22Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ ɔhemmea Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.

23Est 6.1-2 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wohui, na wɔsensɛn wɔn baanu no dua so. Na wɔkyerɛw hyɛɛ Berɛsosɛm Nhoma no mu ɔhene anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help