Hesekiel 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Abosonsomfo bisa Onyankopɔn ase kwa

1 Hes 20.1 Na Israel mpanyimfo mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim.

2Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3Hes 20.3 Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn?

4Enti kasa kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Obiara a ofi Israel fi a ɔde n’abosonhunu hyɛ ne komam na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so na ɔba odiyifo nkyɛn no, me, AWURADE, mebua no ho bi, n’abosonhunu no dodow so,

5na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho.

6 Yes 31.6 Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monsan na monnan mo ho mfi mo abosonhunu no ho, na monnan mo ani mfi mo akyide no nyinaa ho.

7Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔasoɛ Israel mu ahɔho no mu, na ɔwae fi me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ ne koma mu, na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so, na ɔba odiyifo nkyɛn bebisa no me hɔ ade no, me, AWURADE ankasa, mebua wɔn.

8Hes 5.15 Na mɛma m’ani asa onipa no, na medwiriw no ma wayɛ sɛnkyerɛnne ne akasabebui, na matwa no afi me man mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

91 Ah 22.20-23 Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnne me, AWURADE, na madaadaa odiyifo ko no, na mɛteɛ me nsa wɔ no so asɛe no afi me man Israel mu,

10na wɔasoa wɔn amumɔyɛ no; sɛ ɔdebisafo no amumɔyɛ te no, sɛ odiyifo no amumɔyɛ bɛyɛ ne no,

11Hes 11.20 nea ɛbɛyɛ na Israel fi amfom kwan amfi m’akyi bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa anhura wɔn ho bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Ɔkwan titiriw a wɔfa so ne ɔman no di

12Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

13Hes 5.16 Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne, di afomfonsɛm bi, na meteɛ me nsa wɔ so na mibu n’abodoo dua mu, na mema ɔkɔm ba asase so na mitwa nnipa ne mmoa fi so,

14Yer 15.1 na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

15Hes 14.21 Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛw ɛsofo na ɛdan afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a,

16sɛ mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn; wɔn nko na wobegye wɔn, na asase no de, ɛbɛdan afo.

17Anaasɛ mede nkrante meba asase no so, na mise: Nkrante mfa asase no so, na mitwa nnipa ne mmoa fi so,

18na mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn, na wɔn nko na wobegye wɔn.

19Anaasɛ mema owuyare ba asase no so, na mihwie m’abufuhyew migu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afi so,

20na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔrennye wɔn babanin ne wɔn babea; na wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra.

21 Lew 26.16-25; Yer 15.3 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na menne sɛ mɛma m’atemmude bɔne anan, nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare, aba Yerusalem so de atwitwa nnipa ne mmoa afi mu.

22Nanso hwɛ, nnipa a wobefi mu afi bɛka wɔ mu, mmabanin ne mmabea, wɔde wɔn befi adi; hwɛ, wobefi adi aba mo nkyɛn, na moahu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe, na moakyekye mo werɛ, bɔne a mede mebaa Yerusalem so, ade a mede mebaa so no nyinaa ho.

23Na sɛ muhu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe a, wɔbɛkyekye mo werɛ: Na moahu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ ade a meyɛe wɔ mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help