1 Nmd 5.6 Me nnae so, ɔdasu mu
na mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no,
mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
2Eyi de, mɛsɔre makyin kurow mu,
mmɔnten so ne gua so.
Mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no.
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
3Awɛmfo a wokyin kurow mu bɛtoo me:
Nea me kra dɔ no no, muhuu no anaa?
4 Nmd 8.2 Mitwaa wɔn ho kakraa pɛ no,
ɛnna mihuu nea me kra dɔ no no,
misoo no mu na mannyaa no mu
kosii sɛ mede no mebaa me na fi,
ne nea ɔwoo me no pia mu.
5 Nmd 2.7 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea,
atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam,
sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ
kosi sɛ ɔno ara pɛ.
6Hena ne oyi a ɔforo fi sare so ba
sɛ owusiw a ɛsɔre tee,
a kurobow ne huamfufu
ne oguadifo nnuhuam nyinaa apun no yi?
7Hwɛ, Solomon apakan no,
nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia,
wofi Israel nnɔmmarima mu.
8Wɔn nyinaa kurakura mfoa,
wɔasuasua akodi,
wɔn mfoa bobɔ wɔn asen,
anadwo wibɔ nti.
9Ɔhene Solomon de Lebanon nnua
yɛɛ apakan fɛfɛ fae.
10Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntwerimu sika,
n’agua yɛ ntama a ɛberedum,
emu nso, Yerusalem mmabea de ɔdɔ adura mu.
11Sion mmabea, mumfi adi mmɛhwɛ ɔhene Solomon,
abotiri a ne na de bɔɔ no,
ne yere hyia da ne ne koma anigye da no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
