1 Deut 17.17 Na ɔhene Solomon dɔɔ mmea ananafo bebree kaa Farao babea no ho, wɔne Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo mmea
2Eks 34.16 a wofi amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israelfo sɛ: Monnkɔ wɔn mu na wɔn nso mmma mo mu, ampa wɔbɛkom mo koma adi wɔn anyame no akyi, no mu, wɔn na Solomon bataa wɔn ho ɔdɔ mu.
3Na ɔwɔ yerenom ahenemma ahansɔn ne yefam nso ahasa; na ne yerenom no kom ne koma.
4Na Solomon nkwakorabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.
5Na Solomon kodii Sidonfo nyamewa Astoret ne Amonfo Milkom a ɛyɛ akyide no akyi.
6Na Solomon yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wanwie AWURADE akyidi sɛ n’agya Dawid.
7Num 21.29; 2 Ah 23.13 Ɛno mu na Solomon sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei no so, ne Amonfo Molek a ɛyɛ akyide;
8na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafo a wɔhyew aduhuam na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame no nyinaa.
9 1 Ah 3.5; 9.2 Na AWURADE bo fuw Solomon, efisɛ ne koma adan afi AWURADE Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu,
10na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ onnkodi anyame foforo akyi, nanso wanni nea AWURADE hyɛɛ no no so no ho.
111 Sa 15.28 Na AWURADE ka kyerɛɛ Solomon sɛ: Esiane sɛ eyi wɔ wo ho na woanni m’apam ne m’ahyɛde a mehyɛɛ wo no so nti, ɔtew na mɛtew ahenni no afi wo nsam, na mede mama w’akoa.
121 Ah 12.19 Nanso wo bere so de, merenyɛ, w’agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛtew afi;
13nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti merentew ahenni no nyinaa, na mede abusuakuw biako mɛma wo ba.
Solomon atamfo ne ne wu14Na AWURADE maa ɔperedifo bi, Edomni Hadad, sɔre hyɛɛ Solomon; ofi ɔhene asefo mu wɔ Edom.
152 Sa 8.14 Na Dawid ne Edom nyae, na ɔsahene Yoab foro kɔe sɛ okosie atɔfo no, okum Edom mmarima nyinaa.
16Na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ asram asia kosii sɛ ɔtɔree mmarima nyinaa ase Edom.
17Na Hadad ne Edom mmarima bi a wofi n’agya nkoa mu guanee sɛ wɔrekɔ Misraim; nso na Hadad yɛ abofra kumaa.
18Na wɔsɔre fii Midian na wokoduu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraim hene Farao nkyɛn; na ɔmaa no ofi na ɔhyɛɛ aduan a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.
19Na Hadad nyaa Farao anim anuonyam pii, na ɔde ne yere ne nua, ahenyere Tahpenes ne nua, maa no aware;
20na Tahpenes ne nua no woo ɔbabarima Genubat maa no, na Tahpenes twaa no nufu Farao fi, na Genubat wɔ Farao fi, Farao mma mu.
21Na Hadad tee Misraim sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda na ɔsahene Yoab awu no, Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m’asase so.
22Ɛnna Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Na ɛdɛn na ehia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akɔ yi? Na obuae sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ.
23Na Onyankopɔn maa ɔperedifo bi, Eliada ba Reson a oguan fii ne wura Hadad-eser, Soba hene, nkyɛn no sɔre hyɛɛ no.
242 Sa 8.3; 10.18 Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, bere a Dawid kum no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na odii hene Damasko.
25Na ɔne Israel dii apere Solomon nna nyinaa kaa bɔne a Hadad yɛe no ho; na okyii Israel, na odii Siria so hene.
26Na Nebat ba Yeroboam, Efraimni a ofi Sereda, a ɔyɛ Solomon akoa, na ne na din de Serua, ɔbea kunafo bi, nso tew ɔhene so atua.
271 Ah 9.15, 24 Na asɛm a ɛma ɔtew ɔhene so atua ne sɛ: Solomon kyekyee Milo na otuatuaa n’agya Dawid kurow ho fasu mu.
28Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a otumi, na Solomon huu aberante no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfo no, ɔma ɔyɛɛ Yosef fi adwuma nyinaa so hwɛfo.
29Na ɛbere no mu, Yeroboam fi Yerusalem rekɔ no, odiyifo Ahia, Siloni, behuu no ɔkwan no so; nso na ofura ntama foforo, na wɔn baanu pɛ na ɛwɔ wuram hɔ.
30Na Ahia soo ntama foforo a ɛwɔ ne ho no mu, na osunsuanee mu asinasin dumien,
311 Ah 12.15; 14.2 na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasin du fa; na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebɛtew ahenni no afi Solomon nsam, na mede mmusuakuw du mama wo;
32na m’akoa Dawid ne kurow Yerusalem a mafa afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no nti abusuakuw biako na ɛnyɛ ne de;
33esiane sɛ wagyaw me na wakɔsɔre Sidonfo nyamewa Astoret ne Moabfo nyame Kemos ne Amonfo nyame Milkom, na wannantew m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so ne m’ahyɛde ne m’atemmude sɛ n’agya Dawid.
342 Sa 7.12 Nanso merennye ne nsam ahenni no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a odii me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so no nti, mesi no ɔman so panyin ne nkwa nna nyinaa.
351 Ah 12.16 Na megye ahenni no ne ba nsam, na mede mmusuakuw du mama wo.
36Na ne ba no, mede abusuakuw biako mɛma no nea ɛbɛyɛ na ɔkanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kurow a mayi mafa sɛ mede me din mɛto hɔ no mu.
37Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛnea wo kra pɛ nyinaa, na woayɛ Israel so hene.
381 Ah 9.4 Na sɛ wutie nea mɛhyɛ wo nyinaa na wonantew m’akwan so na woyɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ wubedi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no a, ɛnne medi w’akyi na masi ofi a etim hɔ mama wo; sɛnea misi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo;
39na eyi nti mɛbrɛ Dawid asefo ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa.
401 Ah 14.25 Na Solomon hwehwɛe sɛ okum Yeroboam; na Yeroboam sɔre guan kɔɔ Misraim, Misraim hene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kosii sɛ Solomon wui.
41 2 Be 9.29-31 Na Solomon ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne nyansa no, wɔakyerɛw no Solomon ho nsɛm nhoma no mu?
42Na nna a Solomon de dii hene Yerusalem Israel nyinaa so si mfirihyia aduanan.
43Na Solomon tiw n’agyanom wɔ asaman, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu; na ne ba Rehoboam bedii n’ade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.