1 Mmb 15.20; 17.21, 25 Solomon mmebusɛm.
Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye,
na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.
2Ɔbɔnefo akorade nyɛ mfaso bi,
na trenee gye onipa fi owu mu.
3 Nnw 37.19, 25 AWURADE mmma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra,
na abɔnefo adepɛ de, ɔka gu.
4 Mmb 6.6-11; 12.24, 27; 19.15; 28.19 Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.
5Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo,
na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.
6Nhyira da ɔtreneeni atifi,
na akakabensɛm kata abɔnefo ano.
7 Hiob 18.17; Nnw 9.5 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira,
na abɔnefo din bɛporɔw.
8Komam nyansafo gye mmara nsɛm,
na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase.
9Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo,
na nea ɔkyea n’akwan no, wobehu no.
10 Mmb 6.13 Nea obu ani no yi awerɛhow,
na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase.
11 Mmb 10.31; 13.14 Ɔtreneeni ano yɛ nkwa nsuti,
na akakabensɛm kata abɔnefo ano.
12 1 Pe 4.8 Ɔtan hwanyan atutuw,
na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.
13Nhumufo anom na wohu nyansa,
na abaa fata nea onni ti akyi.
14Anyansafo kora nimdeɛ,
na ogyimifo ano yɛ abu a ɛbɛn.
15 Mmb 18.11 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den,
abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia.
16 Luka 16.19 Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa,
ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne.
17Nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so,
na nea ɔpo animka no fom kwan.
18Nea ɔkata nitan so no wɔ atoro ano,
na nea otwiri obi no yɛ ɔkwasea.
19Mfomso mpa ɔkasa dodow mu,
na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.
20Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu,
abɔnefo koma de, ɛmfra.
21Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii,
na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu.
22 Nnw 127.2 AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo,
na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.
23Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru,
na nyansa yɛ nhumu nipa fɛ.
24 Mmb 1.27; Nnw 37.4 Ɔbɔnefo ade a osuro ara na ɛbɛba no so,
na treneefo ade a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.
25Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefo nni hɔ bio,
na ɔtreneeni yɛ daa nnyinaso.
26Sɛ nsa nyinyanyinya yɛ ɛse na owusiw yɛ aniwa no,
sɛ onihawfo yɛ wɔn a wɔsoma no ne no.
27 Mmb 9.11; 14.27 AWURADE suro to nna so,
na abɔnefo mfe de, wobetwa so.
28 Nnw 9.17; Hiob 8.13 Treneefo anidaso bɛyɛ anigye,
na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera.
29 Mmb 3.26 AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfo,
na ɛyɛ ɔsɛe ma amumɔyɛfo.
30 Nnw 112.6; Mmb 2.22 Ɔtreneeni renhim da biara da,
na abɔnefo rentena asase so.
31 Mmb 10.11; Nnw 37.30 Ɔtreneeni ano yi nyansa adi,
na tɛkrɛma kɔntɔnkye de, wobetwa.
32Ɔtreneeni ano nim ade a ɛsɔ ani,
na abɔnefo ano di akɔntɔnkyesɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.