Mmebusɛm 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Trenee hia

1 Mmb 28.6 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu ye

sen nea ɔkyea n’anom nsɛm na ɔyɛ ɔkwasea.

2Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye,

na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne.

3 Kwa 3.39 Onipa agyimisɛm dannan ne kwan,

na ne koma huru hyɛ AWURADE.

4 Mmb 14.20 Ahonyade ma obi nya nnamfo pii,

na ɔbrɛfo ne ne yɔnko ntam tetew.

5 Mmb 19.9; 21.28; Deut 19.18-21 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ,

na nea ohuw atosɛm no rennya aguanye.

6Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfo,

na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyefo nnamfo.

7 Mmb 19.4 Ohiani nuanom nyinaa tan no,

na mpɛn ahe na ne nnamfonom ne no ntam rempan;

ɔde nsɛm tiw wɔn a, ɔnto wɔn.

8Nea onya nyansa no dɔ ne kra,

nea obu nhumu no, ohu papa.

9 Mmb 19.5 Ɔdansekurumfo ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ,

na nea ohuw atosɛm no bɛyera.

10Taamudi mfata ɔkwasea,

na menne sɛ akoa bedi mpanyimfo so.

11Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase,

na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.

12 Mmb 20.2; 16.14-15 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom,

na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.

13 Mmb 10.1 Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu,

na ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe.

14 Mmb 18.22 Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade,

na ɔyere nimdefo fi AWURADE.

15 Mmb 10.4; 23.21 Anihaw yɛ nnahɔɔ,

na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.

16 Mmb 16.17 Nea ɔkora mmara asɛm no kora ne kra,

na nea ɔnhwɛ n’akwan yiye no bewu.

17 Mmb 14.31; Nnw 41.1-3; Mat 25.40 Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE,

na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.

18 Efe 6.4 Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba,

na mmɔ wo tirim sɛ wubekum no.

19Nea n’abufuw so no benya asotwe,

na sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio.

20Tie afotu na gye nteɛso,

na woahu nyansa w’akyiri nna mu.

21 Mmb 16.9; Yer 10.23 Adwene pii wɔ onipa komam,

nanso AWURADE agyinatu na ebegyina.

22Onipa adɔeyɛ na ɛma wɔdɔ no,

na ohiani ye sen ɔtorofo.

23 Mmb 14.27 AWURADE suro de kɔ nkwa mu,

nea okura mu no bɛmee ada, na bɔne bi renka no.

24 Mmb 26.15 Ɔkwadwofo de ne nsa to asanka mu,

na ɔnsan mfa nkɔ n’anom po.

25 Mmb 21.11 Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew,

na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu.

26Nea ɔbɔ n’agya atirimmɔden na ɔpam ne na no

yɛ aniwu ne ahohora ba.

27 Yak 1.22 Me ba, sɛ wugyae nteɛso tie a,

na wobɛfom afi nimdeɛ nsɛm ho!

28Ɔdansehuhufo di atemmu ho fɛw,

na abɔnefo ano mene mmusu.

29 Mmb 26.3 Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo

ne mmaa ama nkwasea akyi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help