Numeri 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kohatfo no

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2Bu Kohat mma no ano fi Lewi mma no mu, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,

3Num 8.24 fa fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ no so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m'adwuma ahyiae ntamadan no mu.

4Eyi ne Kohat mma no ahyiae ntamadan no mu som adwuma: akronkronne mu ade kronkron no.

5Na sɛ nsra no rebetu a, Aaron ne ne mma mmra mmeyi ntwamu mmɔhɔɔ no, na wɔmfa nkata adanse adaka no ho,

6na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nto so, na wɔmfa bibitama mu ntrɛw so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu.

7Na wɔmfa bibitama nkata anim pon no so, na wɔmfa nsanka no ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa abodoo no nsisi so;

8na wɔmfa tankɔkɔɔ ntrɛw nneɛma no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

9Eks 25.31 Na wɔmfa bibitama nkata kaneadua no ne n'akanea ne n'adabaw ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho.

10Na wɔmfa ɛno ne ɛho ade nyinaa nhyɛ sukraman nhoma nkataso mu, na wɔmfa nto mpata so.

11Na wɔmfa bibitama ntrɛw sika afɔremuka no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

12Na wɔmfa ɔsom nneɛma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitama mu, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa nto mpata so.

13Na afɔremuka no, wɔnsesaw so nso ngu, na wɔmfa ntama a ɛbere dum ntrɛw so,

14na wɔmfa ɛho nneɛma a wɔde som so nyinaa, nsrama kukuwa ne adinam ne sofi ne nkora no, afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso ntrɛw so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu.

15Deut 7.9; 2 Sa 6.6-7 Na nsra no rebetu na Aaron ne ne mma no wie akronkronne no ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma no nhyɛn mu nkɔma so, na wɔanka akronkronne no amma wɔanwuwu. Eyi ne Kohat mma adwuma, ahyiae ntamadan no mu.

16Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ahwɛde ne kanea ngo ne nnuhuam ne daa aduan afɔre ne ɔsra ngo no, tenabea no nyinaa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne kronkronbea hɔ ne ɛho nneɛma sohwɛ.

17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

18Momma wontwa Kohatfo mmusua mu abusuakuw no mmfi Lewifo mu, na eyi na monyɛ mma wɔn,

19na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronne mu adekronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛn mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn nnosoa ho;

201 Sa 6.19 na wɔn de, wɔnnhyɛn mu mmfa wɔn ani mmmɛbɔ akronkronne no so, na wɔanwuwu.

21Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

22Bu Gerson mma no nso ano sɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te;

23kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiae ntamadan no ho.

24Eyi ne Gersonfo mmusua no som a wɔnsom ne nneɛma a wɔnsoa,

25wɔn na wɔnsoa: tenabea no ntama no ne ahyiae ntamadan no, ne nkataso ne sukraman nkataso a ɛwɔ so no, ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no,

26ne adiwo no ho mmɔhɔɔ ne adiwo a etwa tenabea ne afɔremuka no ho hyia no abobow ano nkataano no, ne ne ntampehama ne ɛho adwuma ho nneɛma nyinaa; na wɔnyɛ ho adwuma a ehia sɛ wɔyɛ nyinaa.

27Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfo mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛde nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn adwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so.

28Eyi ne Gersonfo mma mmusua no ahyiae ntamadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam.

29Merari mma no nso, kan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te.

30Kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, obiara a obetumi akɔ ɔsa no, na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma.

31Na eyi ne nnosoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma: Tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso,

32ne adiwo a ehyia ho no adum ne ne nnyinaso ne ne mmofunnua ne ne ntampehama ne ɛho nneɛma ne nea ɛkeka ho nyinaa; na monkan nneɛma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa.

33Eyi ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma nyinaa, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam.

34Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kehatfo mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,

35wɔde fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma.

36Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no so si mpennu ahansɔn aduonum.

37Eyinom ne Kohatfo mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn.

38Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,

39fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma:

40wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so si mpennu ahansia aduasa.

41Eyinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn.

42Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,

43fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma,

44wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛ wɔn mmusua te, si mpensa ne ahanu.

45Eyinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn.

46Na Lewifo a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te,

47fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wotumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiae ntamadan no mu no,

48wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si mpemnwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe.

49Sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne wɔn nnosoa ne nea wɔde hyehyɛɛ wɔn nsa no so mmiako mmiako; enti wɔkan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help