Nehemia 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atamfo bɔ Nehemia ho pɔw

1Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano),

2Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.

3Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?

4Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara.

5Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam.

6 da a ɛto so aduonu anum.

16Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.

17Nso nna no mu no, Yuda mmakoma no mu pii menaa Tobia nhoma, na Tobia nso de baa wɔn nkyɛn,

18na Yuda mu nnipa pii asua akyerɛ no, efisɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babea.

19Nso wɔbɛkaa ne papa m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nhoma no de, Tobia de menae sɛ ɔde rebeyi me hu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help