1 Nnw 77.7; Hab 1.2 Ao! AWURADE, enkosi da bɛn?
Wo were befi me daa?
Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn?
2Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw,
na ade kye a, awerɛhow ntena me komam?
Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?
3Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn,
tew m’ani, na manna owu nna,
4na me tamfo anka sɛ: Matumi no,
na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.
5Na me de, m’ani da w’adɔe so,
me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi,
6 Nnw 9.14 mɛto AWURADE dwom
sɛ ɔne me adi no yiye.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
